Sakaria
“Yehowa ne Hadrak asase wɔ asɛm na ɛbɛwie Damasko+ so, ɛfiri sɛ Yehowa ani wɔ ɔdasani+ biara ne Israel mmusuakuo nyinaa so. 2 Hamat+ ne no bɔ hyeɛ; Tiro+ ne Sidon,+ ɛfiri sɛ ɔnim nyansa+ paa. 3 Tiro sii abankɛseɛ, na ɔboaboaa dwetɛ pii ano sɛ mfuturo, ne sika pii ano sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+ 4 Nanso Yehowa no ara bɛtu no agu, na ɔbɛbɔ n’asraafoɔdɔm agu po mu,+ na ɔno deɛ, egya bɛhye no.+ 5 Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho bɛhyehye no paa; Ekron+ nso saa ara, ɛfiri sɛ n’anidasoɔ+ bɛwie animguaseɛ mu. Na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na obiara rentena Askelon.+ 6 Na ɔhɔhoɔ+ bɛgye adwa wɔ Asdod,+ na mɛtwa Filistifoɔ ahantan atwene.+ 7 Na mɛyi ne mogya afiri n’anom na mayi n’atantanneɛ afiri ne sẽ mu,+ na ɔbɛgya no ama yɛn Nyankopɔn; na ɔbɛyɛ sɛ abusuapanin+ wɔ Yuda+ na Ekron ayɛ sɛ Yebusini.+ 8 Na mɛyɛ me ho dɔm awɛn me fie+ ho, na obiara remfa hɔ nkɔ, na ɔremfiri hɔ mma. Obiara remfa hɔ mmɛhyɛ wɔn so,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛrekɔ soɔ nyinaa, m’ani tua.+
9 “O Sion babaa, ma w’ani nnye pii.+ O Yerusalem babaa, team bɔ ose.+ Hwɛ! Wo hene+ reba wo nkyɛn.+ Ɔyɛ teneneeni na wɔagye no nkwa;+ ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afunumu so, afunumu bereɛ ba so.+ 10 Na mɛtwitwa teaseɛnam mu afiri Efraim ne pɔnkɔ mu afiri Yerusalem.+ Na wɔbɛtwitwa akodie agyan+ mu. Na ɔbɛka asomdwoeɛsɛm akyerɛ aman.+ Na ɔbɛdi hene afiri po so akɔ po so, afiri asubɔnten kɛseɛ no ano akɔsi asase ano.+
11 “O ɔbaa, w’apam mogya+ nti mɛyi wo nneduafoɔ+ afiri amena a nsuo nnim mu.
12 “Nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ,+ monsan mmra abandenden no mu.+
“O ɔbaa, mereka akyerɛ wo nnɛ sɛ, ‘Mɛtua wo ka mmɔho.+ 13 Mɛkuntunu Yuda mu sɛ m’agyan. Na mede Efraim bɛhyɛ agyan no mu; na mɛkanyan wo mma,+ O Sion, atia wo mma, O Hela.+ Hwɛ, Sion, mɛyɛ wo sɛ dɔmmarima nkrantɛ.’+ 14 Na Yehowa bɛyi ne ho adi wɔn so,+ na n’agyan bɛfiri akɔ te sɛ anyinam.+ Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara bɛhyɛne abɛn,+ na ɔbɛfa anafoɔ ahum mu akɔ.+ 15 Asafo Yehowa bɛgyina wɔn akyi, na wɔbɛmemene+ akoraboɔ adi so korakora. Na wɔbɛnom+ ayɛ hagyahagya te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔbɛyɛ mã te sɛ kuruwa, te sɛ afɔrebukyia ntwea so.+
16 “Na saa da no, Yehowa wɔn Nyankopɔn bɛgye wɔn+ sɛ ne nnwankuo, ne man;+ na wɔbɛhyerɛn n’asase so sɛ ahemmotire mu aboɔ.+ 17 Hwɛ sɛdeɛ ne papayɛ sõ fa,+ na hwɛ sɛdeɛ ne ho yɛ fɛ fa!+ Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ frɔmfrɔm na nsã foforɔ ama mmaabunu ho ayɛ fɛ.”+