Romafoɔ
13 Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase+ nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase,+ na tumi biara nni hɔ+ sɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn;+ atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi+ wɔn sibea.+ 2 Enti deɛ ɔne tumi no di asie no, ɔne Onyankopɔn nhyehyɛeɛ na ɛdi asie; wɔn a wɔne no di asie no bɛnya afobuo.+ 3 Na atumfoɔ no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne.+ Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ kɔ so yɛ papa,+ na wobɛnya ayeyie afiri mu; 4 ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn somfoɔ ma wo yiedie.+ Nanso sɛ woreyɛ bɔne+ a, suro: na ɛnkura nkrantɛ no kwa; na ɛyɛ Onyankopɔn somfoɔ a ɛdi werɛ+ de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ.
5 Enti ntease pa wɔ hɔ sɛ mobrɛ mo ho ase ma wɔn, ɛnyɛ abufuo no nko nti, na mmom mo ahonim nso ntira.+ 6 Yei nso nti na moyi toɔ ahodoɔ; na wɔyɛ ɔman asomfoɔ+ ma Onyankopɔn na wɔkura ɔsom yi mu daa. 7 Momfa deɛ ɛsɛ obiara mma no, ɛtoɔ mma deɛ ɛtoɔ sɛ no;+ amanneɛ mma deɛ amanneɛ sɛ no; osuro mma deɛ osuro a ɛte saa sɛ no;+ anidie mma deɛ anidie a ɛte saa sɛ no.+
8 Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka+ biara sɛ ɔdɔ a mode bɛdodɔ mo ho;+ na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so die.+ 9 Na mmara nsɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awareɛ,+ Nni awu,+ Mmɔ korɔno,+ Mma w’ani mmmere adeɛ”+ ne mmara asɛm foforɔ biara a ɛwɔ hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ asɛm yi mu sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 10 Ɔdɔ+ nyɛ ne yɔnko bɔne;+ enti ɔdɔ ne mmara+ no awieeɛ.
11 Monyɛ yei nso, ɛfiri sɛ monim berɛ no, sɛ dɔn a ɛsɛ sɛ mofiri nna mu sɔreɛ+ no anya aduru, ɛfiri sɛ seesei yɛn nkwagyeɛ abɛn kyɛn berɛ a yɛbɛyɛɛ agyidifoɔ no.+ 12 Anadwo kɔ n’anim; adekyeeɛ+ abɛn. Enti momma yɛnyi sum mu nnwuma no ngu+ na yɛnhyɛ hann akodeɛ.+ 13 Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ sɛdeɛ yɛyɛ no adekyeeɛ,+ ɛnyɛ anigyeɛ ntrasoɔ ne nsaweɛ+ mu, ɛnyɛ nna mu ɔbrasɛeɛ ne ahohwie+ mu, ɛnyɛ ntawantawadie+ ne ahoɔyaa mu. 14 Na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo,+ na monnyɛ nhyehyɛeɛ nnto hɔ mmma honam akɔnnɔ.+