Dawid dwom.
26 O Yehowa, bu me atɛn,+ na me mũdie mu na mananteɛ,+
Mede me ho ato wo so, Yehowa, na manhinhim.+
2 O Yehowa, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ;+
Yiyi m’asaabo ne m’akoma mu.+
3 W’adɔeɛ wɔ m’anim,
Na manante wo nokorɛ no mu.+
4 Me ne nkontompofoɔ antena;+
Na nyaatwomfoɔ nso, me ne wɔn ammɔ.+
5 Metan abɔnefoɔ+ adwabɔ,
Na me ne nnebɔneyɛfoɔ antena.+
6 Mɛhohoro me nsa bemdie mu;+
Mɛtwa w’afɔrebukyia ho ahyia, O Yehowa,+
7 Na mama wɔate m’aseda wɔ akyirikyiri,+
Na maka w’anwanwadwuma nyinaa ho asɛm.+
8 Yehowa, medɔ wo fie tena+
Ne w’animuonyam tenabea no.+
9 Mpra me kra nka abɔnefoɔ ho nkɔ,+
Na mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho.+
10 Wɔn na ahohwibra+ wɔ wɔn nsam
Na adanmudeɛ+ ayɛ wɔn nsa nifa ma.
11 Me deɛ, me mũdie mu na mɛnanteɛ.+
Gye me ɛ,+ na dom me.+
12 Me nan bɛgyina deɛ ɛhɔ da fam;+
Asafo badwa kɛseɛ mu na mɛhyira Yehowa.+