Dwom 51:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Hohoro me ho koraa firi me mfomsoɔ ho,+Na te me ho firi me bɔne ho.+ Dwom 73:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ampa mate m’akomam kwa,+Na mahohoro me nsa bemdie mu kwa.+ Yesaia 1:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Monhohoro mo ho,+ monte mo ho,+ monyi mo nneyɛɛ bɔne mfiri m’anim,+ na monnyae bɔneyɛ.+ Mateo 27:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Berɛ a Pilato hunuu sɛ adepa biara amfiri mu amma na mmom basabasa rebɛsie no, ɔfaa nsuo+ de hohoroo ne nsa wɔ nnipakuo no anim kaa sɛ: “Menni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ deɛ mobɛyɛ.”
24 Berɛ a Pilato hunuu sɛ adepa biara amfiri mu amma na mmom basabasa rebɛsie no, ɔfaa nsuo+ de hohoroo ne nsa wɔ nnipakuo no anim kaa sɛ: “Menni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ deɛ mobɛyɛ.”