Dwom NWOMA A ƐDI KAN (Nnwom 1 – 41) 1 Anigyeɛ+ ne onipa a ɔnnante nnebɔneyɛfoɔ agyina mu,+Na ɔnnyina abɔnefoɔ kwan soɔ,+Na ɔntena afɛdifoɔ tenabea.+ 2 Na mmom n’ani gye Yehowa mmara ho,+Na ɔkenkan ne mmara dwendwene ho awia ne anadwo.+ 3 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsutene ho,+A ɛso aba ne berɛ mu+Na n’ahahan mpoɔ,+Na deɛ ɔyɛ biara bɛwie yie.+ 4 Abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa,Na mmom wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa hu korɔ.+ 5 Ɛno nti na abɔnefoɔ rennyina wɔ atemmuo mu,+Na amumuyɔfoɔ rennyina ateneneefoɔ badwa mu no.+ 6 Ɛfiri sɛ Yehowa nim ateneneefoɔ kwan,+Na nnebɔneyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.+