1 Timoteo
4 Nanso asɛm a ɛfiri honhom mu no ka no pefee sɛ akyire yi mmerɛ mu+ no, ebinom bɛtwe wɔn ho+ afiri gyidie no ho akɔdi nnaadaasɛm a ɛfiri honhom mu+ ne adaemone+ nkyerɛkyerɛ akyi, 2 na yei nyinaa firi atorofoɔ+ nyaatwom a ɛma wɔn ahonim+ yɛ sɛ ahyehyekuro twã no; 3 wɔbara awareɛ,+ wɔhyɛ nkurɔfoɔ sɛ wɔntua wɔn ho nnuane+ a Onyankopɔn bɔɔ+ sɛ wɔn a wɔwɔ gyidie na wɔahunu nokorɛ no yie mfa aseda nnie+ no. 4 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ,+ na sɛ obi de aseda+ gye a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara+ 5 ɛfiri sɛ Onyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na wɔde ate ho.
6 Sɛ wode afotusɛm yi ma anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfoɔ pa, deɛ wɔde nsɛm a ɛgyina gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa+ a woadi akyire pɛpɛɛpɛ+ no so ayɛn no. 7 Na bɔ atosɛm+ a ɛtia akronkronneɛ, a mmerewa ka no gu. Mmom no, fa onyamesom pa si w’ani so fa tete wo ho.+ 8 Na apɔmutenetene so wɔ mfasoɔ kakra; nanso onyamesom pa+ so wɔ mfasoɔ adeɛ nyinaa mu,+ ɛfiri sɛ ɛkura nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛreba no ho bɔhyɛ.+ 9 Saa asɛm no yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom koraa.+ 10 Yei nti na yɛyɛ adwumaden na yɛyere yɛn ho,+ ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ no so;+ ɔno na ɔyɛ nnipa nyinaa+ Agyenkwa,+ ne titire no anokwafoɔ.+
11 Kɔ so fa ahyɛdeɛ+ ahodoɔ yi ma na kyerɛkyerɛ.+ 12 Mma obiara mmmu aberanteɛ a woyɛ no abomfiaa.+ Mmom no, yɛ nhwɛsoɔ+ ma anokwafoɔ+ wɔ kasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidie, ne ahoteɛ mu.+ 13 Ma w’ani nku badwam+ akenkan,+ afotuo, ne nkyerɛkyerɛ ho kɔsi sɛ mɛba. 14 Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ+ a ɛwɔ wo mu no so, deɛ wɔnam nkɔmhyɛ+ ne mpanimfoɔ kuo no nsa+ a wɔde guu wo soɔ no so de maa woɔ no. 15 Dwendwene yeinom ho;+ fa w’akoma nyinaa si so, na ama wo nkɔsoɔ+ ada adi nnipa nyinaa anim. 16 Ma w’ani mmra wo ho+ ne wo nkyerɛkyerɛ+ so berɛ nyinaa. Bata yeinom ho, na sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie woɔ no nkwa.+