Dwom. Kora mma+ ayeyi dwom.
48 Yehowa yɛ kɛseɛ, na ɔfata ayeyie pii+
Yɛn Nyankopɔn kuro mu,+ wɔ ne bepɔ kronkron no so.+
2 Bepɔ so kuro fɛfɛ, asase nyinaa anika,+
Ne Bepɔ Sion, atifi fam nohoa,+
Ɔhenkɛseɛ kuro no.+
3 Onyankopɔn ama wɔahu no wɔ kuro no aban mu sɛ abantenten.+
4 Hwɛ! Ahemfo yɛɛ nhyehyɛeɛ hyiaeɛ,+
Wɔboom yuu twaam.+
5 Wɔhunuiɛ; na wɔn ho dwirii wɔn.
Ɛhaa wɔn, na wɔde ahopopoɔ dwaneeɛ.+
6 Wɔn ho wosoo biribiribiri wɔ hɔ,+
Awoko yea kaa wɔn sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ.+
7 Wode apueeɛ mframa bobɔ Tarsis ahyɛn.+
8 Sɛdeɛ yɛateɛ no, saa ara na yɛahu no+
Asafo Yehowa kuro, yɛn Nyankopɔn kuro no mu.+
Onyankopɔn na ɔde bɛtim hɔ afebɔɔ.+ Sela.
9 O Onyankopɔn, yɛadwendwene w’adɔeɛ ho+
Wɔ w’asɔrefie hɔ.+
10 O Onyankopɔn, sɛ́ wo din teɛ no,+ saa ara na w’ayeyie
Kɔduru asase ano nohoa.
Tenenee ahyɛ wo nsa nifa mã.+
11 Ma Bepɔ Sion+ nni ahurisie;
Ma Yuda nkuro nketewa ani nnye,+ w’atemmusɛm nti.+
12 Montwa Sion ho nhyia; mommɔ ho aporɔ.+
Monkan n’abantenten.+
13 Momfa mo ani nsi ne pampa so,+
Monhwɛ n’abantenten,
Na moatumi aka akyerɛ nkyirimma.+
14 Na Onyankopɔn yi ne yɛn Nyankopɔn daa daa.+
Ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn kwan de akɔsi owuo mu.+