Hebrifoɔ
8 Afei, deɛ yɛreka ho asɛm no, asɛntitire a ɛwom nie: Ɔsɔfo panin+ a ɔte saa na yɛwɔ, na watena Animuonyam no ahennwa nifa so wɔ soro+ 2 sɛ obi a ɔsom wɔ kronkronbea+ ne nokorɛ ntomadan a deɛ ɔyɛeɛ ne Yehowa,+ na ɛnyɛ onipa,+ no mu. 3 Na ɔsɔfo panin biara wɔyi no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ nyinaa mma;+ enti, na ɛhia sɛ oyi nso nya biribi de bɔ afɔdeɛ.+ 4 Na sɛ ɔwɔ asase so a, anka ɔnyɛ ɔsɔfoɔ+ ɛfiri sɛ mmarima wɔ hɔ a wɔde ayɛyɛdeɛ ma sɛdeɛ Mmara no kyerɛ, 5 nanso saa nnipa no resom wɔ ɔsoro nneɛma no nsususoɔ+ ne ne sunsum+ mu; ɛte sɛ berɛ a Mose rebɛsi ntomadan+ no, Onyankopɔn maa no ahyɛdeɛ+ yi: Na ɔka sɛ: “Hwɛ sɛ wobɛyɛ nneɛma nyinaa sɛdeɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.”+ 6 Nanso afei Yesu nsa aka ɔsom adwuma a ɛkorɔn ma enti ɔyɛ apam a ɛno nso kyɛn soɔ,+ a wɔnam bɔhyɛ+ ahodoɔ a ɛkyɛn soɔ so de asi hɔ mmara kwan so, no ntamgyinafoɔ.+
7 Na sɛ apam a ɛdi kan no ho nni asɛm a, anka wɔanhwehwɛ deɛ ɛtɔ so mmienu akyi kwan;+ 8 na ɔnya ɔmanfoɔ no ho asɛm berɛ a ɔka sɛ: “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa na ɔseɛ, ‘na me ne Israel fie ne Yuda fie bɛyɛ apam foforɔ;+ 9 ɛrenyɛ sɛ apam+ a me ne wɔn agyanom yɛɛ no da a mesosɔɔ wɔn nsa yii wɔn firii Egypt asase soɔ+ no, ɛfiri sɛ wɔankɔ so antena m’apam mu,+ enti manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa asɛm nie.”+
10 “‘Yei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,’ Yehowa asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛtwerɛ no wɔn akoma mu.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na wɔn nso ayɛ me man.+
11 “‘Na ɛremma da sɛ wɔn mu bi bɛkyerɛ ne man muni ne ne nua sɛ: “Hunu Yehowa!”+ Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me,+ ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so. 12 Na mɛhu wɔn mmɔbɔ wɔn nnebɔne+ ho, na merenkae wɔn bɔne bio da.’”+
13 Berɛ a ɔkaa sɛ “apam foforɔ” no, ɔmaa kane deɛ no twaam.+ Afei, deɛ atwam a ɛreyɛ dada no rebɛyera afiri hɔ.+