Dwom
136 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
2 Monna anyame mu Nyankopɔn no ase:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
3 Monna awuranom mu Awurade+ no ase:
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
4 Aseda nka Deɛ ɔyɛ anwanwadeɛ ne nnwuma akɛseɛ no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
5 Aseda nka Deɛ ɔde nyansa yɛɛ ɔsoro no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
6 Aseda nka Deɛ ɔde asase tim nsuo so no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
7 Aseda nka Deɛ ɔyɛɛ nkanea akɛseɛ no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
8 Deɛ ɔyɛɛ awia a ɛhyerɛn adekyeeɛ no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
9 Deɛ ɔyɛɛ bosome ne nsoromma sɛ ne nyinaa nhyerɛn anadwo no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
10 Aseda nka Deɛ ɔbobɔɔ Egypt mmakan no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
11 Deɛ ɔyii Israel firii wɔn mu no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
12 Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu na ɛyii wɔn:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;
13 Aseda nka Deɛ ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
14 Deɛ ɔmaa Israel faa mfimfini no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
15 Deɛ ɔkaa Farao ne n’asraafoɔdɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
16 Aseda nka Deɛ ɔmaa ne man faa serɛ soɔ no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
17 Aseda nka Deɛ ɔbobɔɔ ahemfo akɛseɛ no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
18 Deɛ ɔkum ahemfo animuonyamfoɔ no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
21 Deɛ ɔde wɔn asase maa sɛ agyapadeɛ no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
22 Ɔde yɛɛ n’akoa Israel agyapadeɛ:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
23 Deɛ ɔkaee yɛn wɔ yɛn abɛbrɛsɛ mu no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
24 Deɛ ɔgyee yɛn firii yɛn atamfo nsam mprɛ pii no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
25 Deɛ ɔma honam nyinaa aduane no:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
26 Monna ɔsoro Nyankopɔn no ase:+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.+