Luka
13 Saa berɛ no ara na nnipa bi a wɔwɔ hɔ kaa sɛdeɛ Pilato de Galileafoɔ+ bi mogya fraa wɔn afɔrebɔ mu no ho asɛm kyerɛɛ no. 2 Enti ɔbuaa wɔn sɛ: “Mosusu sɛ na saa Galileafoɔ yi yɛ abɔnefoɔ+ sene Galileafoɔ a aka nyinaa ɛsiane amane a wɔhunuiɛ yi nti? 3 Nokorɛm no, mese mo sɛ ɛnte saa; nanso sɛ moansakra a, saa ara na wɔbɛsɛe mo nyinaa.+ 4 Anaa nnipa dunwɔtwe a Siloa aban no bu guu wɔn so kunkum wɔn no, mosusu sɛ na wɔyɛ abɔnefoɔ* sene nnipa a wɔtete Yerusalem nyinaa? 5 Nokorɛm no, mese mo sɛ ɛnte saa; nanso sɛ moansakra a, wɔbɛsɛe mo nyinaa saa ara.”+
6 Afei ɔtoaa so kaa mfatoho yi: “Ná ɔbarima bi wɔ borɔdɔma si ne bobeturo mu,+ na ɔba bɛhwehwɛɛ aba wɔ so,+ nanso wannya bi.+ 7 Enti ɔka kyerɛɛ bobeturo hwɛfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa+ nie a maba abɛhwehwɛ aba wɔ borɔdɔma yi soɔ, nanso mannya bi. Twa twene!+ adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ ɛgye asase no sɛe no?’ 8 Ɔbuaa no sɛ, ‘Owura, gyaa no+ afe yi nso, kɔsi sɛ mɛtutu aseɛ na mede sumina agu aseɛ; 9 na sɛ ɛso aba daakye a ɛyɛ asɛmpa, na sɛ anso a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wotwa twene.’”+
10 Afei na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan no baako mu homeda. 11 Na hwɛ! ɔbaa bi a ɔwɔ mmerɛyɛ honhom+ mfeɛ dunwɔtwe wɔ hɔ, na ne mu akuntunu a ɔntumi mma ne mu so koraa. 12 Berɛ a Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no see no sɛ: “Ɔbaa, wɔayi+ wo afiri wo mmerɛyɛ mu.” 13 Na ɔde ne nsa guu ne so; na amonom hɔ ara ɔtenee ne mu,+ na ɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. 14 Nanso hyiadan mu panin a n’ani abere sɛ Yesu asa yareɛ homeda no, buaa nnipakuo no sɛ: “Nnansia na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma,+ ɛno mu na mommra mma wɔnsa mo yareɛ, na ɛnyɛ homeda.”+ 15 Nanso, Awurade buaa no sɛ: “Nyaatwomfoɔ,+ mo mu biara nsane ne nantwie anaa afunumu mfiri buo mu homeda nkɔma no nsuo nnom?+ 16 Ɛnneɛ ɛmfata sɛ ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham+ babaa a Satan akyekyere no mfeɛ dunwɔtwe no, wɔsane no firi mpokyerɛ yi mu homeda?” 17 Na ɔkaa yeinom no, n’atamfo no nyinaa ani wuiɛ;+ nanso nnipakuo no nyinaa firii aseɛ dii ahurisie wɔ animuonyanneɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.+
18 Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: “Onyankopɔn ahennie te sɛn, na ɛdeɛn ho na mede bɛtoɔ?+ 19 Ɛte sɛ sinapi aba a obi duaa no ne turo mu, na ɛnyini bɛyɛɛ dua, na ɔsoro nnomaa+ tenatenaa ne mman so.”+
20 Na ɔkaa bio sɛ: “Ɛdeɛn ho na mede Onyankopɔn ahennie bɛtoɔ? 21 Ɛte sɛ mmɔreka a ɔbaa bi de fraa esiam susukoraa akɛseɛ mmiɛnsa mu kɔsii sɛ ne nyinaa mu kaeɛ.”+
22 Na ɔtutuu akwan kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ na ɔtoaa n’akwantuo no so kɔɔ Yerusalem.+ 23 Afei obi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wɔbɛgye wɔn no yɛ kakraa bi anaa?”+ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Monyere+ mo ho dendeenden nhyɛn ɛpono teateaa no mu,+ ɛfiri sɛ mese mo sɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wɔhyɛn mu nanso wɔrentumi;+ 25 na sɛ efiewura no nya sɔre to pono no mu a, afei mobɛgyina abɔnten abɔ pono no mu aka sɛ, ‘Owura, bue yɛn.’+ Nanso ɔbɛbua ase mo sɛ, ‘Mennim deɛ mofire.’+ 26 Na mobɛfiri aseɛ aka sɛ, ‘Yɛdidiiɛ na yɛnomeeɛ wɔ w’anim, na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmɔnten so.’+ 27 Nanso ɔbɛbue n’ano aka akyerɛ mo sɛ, ‘Mennim deɛ mofire. Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!’+ 28 Ɛhɔ na mobɛsu na moatwerɛ mo sẽ,+ berɛ a mohunu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifoɔ no nyinaa Onyankopɔn ahennie mu,+ berɛ a mo deɛ, wɔapamo mo kɔ abɔnten no. 29 Bio nso, nkurɔfoɔ bɛfiri apueeɛ fam ne atɔeɛ fam, atifi fam ne anafoɔ fam aba,+ na wɔbɛtenatena adidiiɛ Onyankopɔn ahennie mu.+ 30 Na hwɛ! ebinom a wɔaka akyire bɛdi kan, na ebinom a wɔdi kan aka akyire.”+
31 Ɛdɔn no ara mu no Farisifoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Firi adi firi ha kɔ, ɛfiri sɛ Herode pɛ sɛ ɔku woɔ.” 32 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ saa sakraman+ no sɛ, ‘Hwɛ! meretu adaemone na masa yareɛ nnɛ ne ɔkyena, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mawie.’+ 33 Nanso, ɛtwa sɛ mesi kwan so nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ, ɛfiri sɛ ɛnni kwan sɛ wɔsɛe odiyifoɔ bi wɔ baabiara sɛ Yerusalem.+ 34 Yerusalem, Yerusalem, deɛ ɔkum+ adiyifoɔ na ɔsi+ wɔn a wɔasoma wɔn ne nkyɛn aboɔ—hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano hyɛ ne ntaban ase,+ nanso moampɛ!+ 35 Hwɛ! Wɔagya mo fie+ ama mo. Mese mo sɛ, morenhu me bio kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu!’”+