Hesekiel
14 Israel mpanimfoɔ bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim.+ 2 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosom fĩ ahyɛ wɔn akomam na wɔde suntidua asi wɔn anim a ɛma wɔyɛ bɔne.+ Enti memma kwan mma wɔmmisa me ho asɛm anaa?+ 4 Afei wo ne wɔn nkasa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ obi a ɔfiri Israel fie de n’abosom fĩ+ hyɛ n’akomam na ɔde suntidua si n’anim na ɔba odiyifoɔ nkyɛn a, me Yehowa, mɛbua no sɛdeɛ n’abosom fĩ dodoɔ teɛ,+ 5 na mɛsɔ Israel fie akoma mu akye wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ama wɔn abosom fĩ no awae wɔn afiri me ho.”’+
6 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Monsan mmra, monnane mo ho mfiri mo abosom fĩ no ho mmra;+ monnane mo ani mfiri akyiwadeɛ+ a moreyɛ no nyinaa ho; 7 na sɛ obi a ɔfiri Israel fie anaa hɔhoɔ a ɔte Israel twe ne ho firi me ho+ na ɔde n’abosom fĩ hyɛ n’akomam de suntidua si n’anim na ɔba odiyifoɔ nkyɛn bɛbisa me ho asɛm a,+ me Yehowa, mɛbua no. 8 Mede m’ani bɛsi saa onipa no so+ ama no ayɛ sɛnkyerɛnne+ na wɔde no aka asɛm,+ na mɛtwa no afiri me nkurɔfoɔ mu;+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.”’+
9 “‘Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, me Yehowa na madaadaa odiyifoɔ no;+ na mɛtene me nsa ne so na matɔre n’ase afiri me man Israel mu.+ 10 Na wɔbɛsoa wɔn bɔne.+ Ɔdebisafoɔ no bɔne bɛyɛ sɛ odiyifoɔ no bɔne pɛpɛɛpɛ,+ 11 na Israel fie ammane amfiri m’akyi+ na wɔamfa wɔn abɔnefosɛm nyinaa angu wɔn ho fĩ bio. Afei wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”+
12 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 13 “Onipa ba, sɛ asase bi anni nokorɛ na ɛyɛ me bɔne a,+ mɛtene me nsa wɔ so na mabubu dua a wɔde paanoo nkuruwankuruwa sensɛn soɔ no;+ mɛma ɛkɔm+ aba so na matwa onipa ne aboa biara afiri so.”+ 14 “‘Na sɛ Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ wɔ hɔ a, anka mmarima mmiɛnsa yi tenenee nti,+ wɔbɛgye wɔn kra,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”+
15 “‘Sɛ mema mmoa bɔne bɛfa asase no so+ kunkum ne mma+ ma no dane amamfõ na mmoa bɔne nti obiara ntwam mfa hɔ+ 16 na mmarima mmiɛnsa yi mpo wɔ hɔ a, mete aseɛ yi deɛ, mma mmarima oo, mma mmaa oo, wɔrennye obiara; wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn, na asase no bɛdane amamfõ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”+
17 “‘Anaasɛ mede nkrantɛ ba asase no so,+ na meka sɛ: “Nkrantɛ mmɛfa asase no so,” na metwa onipa ne aboa biara firi so+ 18 na mmarima mmiɛnsa yi mpo wɔ hɔ a,+ mete aseɛ yi deɛ, mma mmarima oo, mma mmaa oo, wɔrennye obiara; wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
19 “‘Anaasɛ mede owuyareɛ ba asase no so+ na mehwie m’abufuo gu so wɔ mogya mu,+ na metwa onipa ne aboa biara firi so 20 na Noa,+ Daniel,+ ne Hiob+ mpo wɔ hɔ a,+ mete aseɛ yi deɛ, mma mmarima oo, mma mmaa oo, wɔrennye obiara; na wɔn deɛ, wɔn tenenee nti, wɔbɛgye wɔn kra,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
21 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛnneɛ hwɛ deɛ ɛbɛsie berɛ a mede m’atemmudeɛ huhuuhu nnan yi+—nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyareɛ+—aba Yerusalem so na matwa onipa ne aboa biara afiri soɔ no.+ 22 Nanso hwɛ, nnipa bi bɛfiri mu aka na wɔde wɔn afiri adi.+ Wɔyɛ mma mmarima ne mma mmaa! Wɔbɛfiri adi aba mo nkyɛn na moahunu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ.+ Na mo werɛ bɛkyekyere wɔ mmusuo ne biribiara a mede baa Yerusalem soɔ no ho.’”
23 “‘Na sɛ mohunu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ a, mo werɛ bɛkyekyere, na mobɛhunu sɛ deɛ mede baa ne soɔ no nyinaa nyɛ kwa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”+