147 Monyi Yah ayɛ,+
Ɛyɛ sɛ yɛto dwom ma yɛn Nyankopɔn;+
Ɛyɛ dɛ; ayeyie no fata.+
2 Yehowa kyekyere Yerusalem;+
Ɔboaboa Israelfoɔ a wɔahweteɛ no ano.+
3 Wɔn a wɔn akoma abubuo+ no ɔsa wɔn yareɛ,+
Na ɔkyekyere wɔn akuro.+
4 Ɔkan nsoromma dodoɔ,+
Na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+
5 Yɛn Awurade yɛ kɛseɛ na ne tumi sõ;+
Ne nteaseɛ mu nni hwehwɛbea.+
6 Yehowa di boa ahobrɛasefoɔ;+
Ɔbrɛ nnebɔneyɛfoɔ ase de wɔn to fam.+
7 Momfa aseda nnye Yehowa so;+
Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Nyankopɔn;+
8 Ɔno na ɔde mununkum kata ɔsoro,+
Na ɔsiesie osuo ma asase,+
Ɔno na ɔma serɛ mono fifi mmepɔ soɔ.+
9 Ɔno na ɔma mmoa nya wɔn ano aduane,+
Na ɔma kwaakwaadabi mma a wɔsu frɛ no daa no aduane.+
10 Ɛnyɛ pɔnkɔ ahoɔden na n’ani gye ho,+
Na ɛnyɛ onipa nan ase hare na ɛsɔ n’ani.+
11 Yehowa ani gye wɔn a wɔsuro no ho+
Na n’ani gye wɔn a wɔtwɛn n’adɔeɛ no ho.+
12 O Yerusalem, kamfo Yehowa.+
O Sion, yi wo Nyankopɔn ayɛ.+
13 Ɛfiri sɛ wama wo kuro apono mmeamu ayɛ den;
Wahyira wo mma wɔ wo mu.+
14 Ɔma asomdwoeɛ ba wo man mu;+
Ɔma wonya ayuo mu sradeɛ di mee.+
15 Ɔsoma n’asɛm ba asase so;+
N’asɛm de ahoɔherɛ tu mmirika.
16 Ɔde sukyerɛmma ma sɛ odwan nwi;+
Ɔpete asukɔtweaa sɛ nsõ.+
17 Ɔto asukɔtweaa gu sɛ mporoporowaa.+
Hwan na ɔbɛtumi agyina n’awɔ ano?+
18 Ɔsoma n’asɛm,+ na ɛnane.
Ɔma ne mframa bɔ,+
Na nsuo sosɔ.
19 Ɔka n’asɛm kyerɛ Yakob,+
Na ɔka n’ahyɛdeɛ+ ne n’atemmusɛm kyerɛ Israel.+
20 Ɔnyɛɛ ɔman biara saa;+
Wɔn deɛ, wɔnnim n’atemmusɛm.+
Monyi Yah ayɛ!+