Mmebusɛm
25 Yeinom nso yɛ Solomon mmebusɛm+ a Yuda hene Hesekia+ mmarima fa twerɛeɛ:
2 Onyankopɔn animuonyam ne asɛm a wɔkora soɔ,+ na ahemfo animuonyam ne asɛm a wɔhwehwɛ mu.+
3 Ɔsoro ware a ɛware,+ ne asase mu dɔ a ɛdɔ,+ ne ahemfo akomam, ɛnni hwehwɛbea.+
4 Ma wɔnyiyi dwetɛ mu fĩ, na ne nyinaa ho bɛfi.+
5 Ma wɔnyi nnebɔneyɛfoɔ mfiri ɔhene anim,+ na n’ahennwa bɛtim tenenee mu.+
6 Nhyɛ wo ho animuonyam ɔhene anim,+ na nkɔgyina atitire gyinabea.+ 7 Ɛyɛ sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Bra soro ha,”+ sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire a w’ani ahu no no anim.+
8 Mpere wo ho nkɔtwe manso, na ɛbɛwie aseɛ a wo yɔnko agu w’anim ase no, wo ho ankyere wo amma woanka sɛ menyɛ dɛn?+ 9 Asɛm a ɛwɔ wo ne wo yɔnko ntam+ no, wo ne no nni, na nyi obi ahuntasɛm adi,+ 10 na deɛ ɔtie no angu w’anim ase, na asɛmmɔne a woaka no anka hɔ.
11 Asɛm a wɔka no berɛ a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a ɛgu dwetɛ anwenneɛ mu.+
12 Onyansafoɔ kasakyerɛ te sɛ sika asomuadeɛ ne sika amapa agudeɛ.+
13 Sɛdeɛ sukyerɛmma dwo+ wɔ twaberɛ mu no, saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no, ɛfiri sɛ ɔma ne wuranom kra ahoɔden foforɔ.+
14 Deɛ ɔde nkontompo akyɛdeɛ hoahoa ne ho no te sɛ mununkum ne mframa a osuo nni mu.+
15 Ntoboaseɛ na wɔde dane ɔsahene ti, na ɔdwoɔ kɛtrɛma tumi bu dompe mu.+
16 Ɛwoɔ na woanya anaa?+ Di deɛ ɛbɛsõ woɔ, na woanni ammoro so, na woamfe.+
17 Mma wo nan nnyɛ ntiantia wɔ wo yɔnko fie, na wo ho amfono no amma no antan wo.
18 Sɛdeɛ akontimmaa ne nkrantɛ ne agyan a wɔase ano teɛ no, saa ara na onipa a ɔdi ne yɔnko ho adansekunumu teɛ.+
19 Hiada mu nkontomponi mu ahotɔsoɔ te sɛ ɛsẽ a abubuo ne ɛnan a ahodwo.+
20 Deɛ ɔyi n’atadeɛ wɔ awɔ mu no te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu gyakisi so ne odwontofoɔ dwom wɔ awerɛhoɔ akoma mu.+
21 Sɛ ɛkɔm de deɛ ɔtan wo a, ma no aduane nni; na sɛ sukɔm de no a, ma no nsuo nnom.+ 22 Na nsramma na woreboaboa ano agu n’atifi,+ na Yehowa na ɔbɛtua wo ka.+
23 Atifi mframa wo osutɔ;+ na kɛtrɛma a ɛyi ahuntasɛm adie nso wo amunamuna anim.+
24 Ɛyɛ sɛ obi bɛtena ɛdan atifi mantwea baabi sene sɛ ɔne ɔyere gyegyefoɔ bɛtena fie baako mu.+
25 Sɛdeɛ nsuonwunu yɛ ɔkra a wabrɛ no,+ saa ara na amanneɛbɔ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so teɛ.+
26 Ɔteneneeni a ne ho popo ɔdebɔneyɛfoɔ anim no te sɛ asutire a efĩ wom ne abura a asɛeɛ.+
27 Ɛwoɔ a wɔdi no fuu nyɛ;+ na animuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho no, ɛyɛ animuonyam anaa?+
28 Onipa a ɔntumi nhyɛ ne ho soɔ te sɛ kuro a wɔbubu kɔ mu a ɛnni fasuo.+