Luka
15 Na togyefoɔ+ ne nnebɔneyɛfoɔ+ nyinaa kɔɔ so baa ne nkyɛn bɛtiee no. 2 Enti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa kɔɔ so nwiinwii kaa sɛ: “Onipa yi gye nnebɔneyɛfoɔ na ɔne wɔn didi.”+ 3 Na ɔmaa wɔn mfatoho yi: 4 “Mo mu onipa bɛn na ɔwɔ nnwan ɔha, na emu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no wɔ serɛ so nkɔhwehwɛ deɛ wayera no nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?+ 5 Na berɛ a wahu no no, ɔde no bɔ ne kɔn ho na ɔdi ahurisie.+ 6 Na ɔduru fie a ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne yɔnkonom boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mo ne me nni ahurisie, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.’+ 7 Enti mese mo sɛ anigyeɛ pii bɛba ɔsoro wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a wasakra+ ho sene ateneneefoɔ aduɔkron nkron a wɔnhia adwensakra.+
8 “Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ drakma du na sɛ drakma baako yera a, ɔrensɔ kanea mpra ne fie na ɔnhwehwɛ no yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu? 9 Na sɛ ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ mmaa a wɔyɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano ka sɛ, ‘Mo ne me nni ahurisie, ɛfiri sɛ mahunu me drakma a ɛyeraeɛ no.’ 10 Enti, mese mo sɛ, anigyeɛ ba Onyankopɔn abɔfoɔ mu wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a ɔsakra ho.”+
11 Afei ɔkaa sɛ: “Na ɔbarima bi wɔ mma mmienu.+ 12 Na wɔn mu kumaa no ka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Papa, fa agyapadeɛ no fã a ɛyɛ me dea ma me.’+ Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ+ mu maa wɔn. 13 Akyire yi, nna kakraa bi twaam no, ɔba kumaa no boaboaa nneɛma nyinaa ano na ɔtuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔbuu ahohwibra de sɛee n’agyapadeɛ no nyinaa.+ 14 Berɛ a ɔsɛee biribiara no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii ɔman no mu baabiara, na ne ho firii aseɛ kyeree no. 15 Afei deɛ ɔtu taree ɔman no muni baako, na ɔde no kɔɔ n’asase so sɛ ɔnkɔhwɛ ne mprako.+ 16 Ná ne kɔn taa dɔ sɛ ɔde aduane a na mprako no die no bi bɛhyɛ ne yafunu mã, na obiara amma no hwee.+
17 “Berɛ a n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: ‘Me papa apaafoɔ no mu sɛn na paanoo mmuu wɔn soɔ, ɛnna ɛkɔm reku me wɔ ha yi! 18 Mɛsɔre akɔ+ me papa nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ: “Papa, mayɛ bɔne atia ɔsoro ne wo.+ 19 Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafoɔ no mu baako.”’ 20 Enti ɔsɔreeɛ na ɔkɔɔ ne papa nkyɛn. Berɛ a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa hunuu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtuu mmirika kɔsɔɔ ne kɔn mu fee n’ano. 21 Ɛnna ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Papa, mayɛ bɔne atia ɔsoro ne wo.+ Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafoɔ no mu baako.’+ 22 Na papa no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monyɛ ntɛm! momfa atade tenten a ɛdi mu mmra mmɛhyɛ+ no, na momfa pɛtea+ nhyɛ ne nsa na momfa mpaboa nhyɛ ne nan. 23 Na momfa nantwie ba a wadɔ sradeɛ+ no mmra mmɛku no mma yɛnni na yɛnnye yɛn ani, 24 ɛfiri sɛ me ba yi wuiɛ na wasan aba nkwa+ mu; ɔyeraeɛ na wɔahu no.’ Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.
25 “Saa berɛ yi na ne ba panin+ no wɔ afuo mu; na ɔreba a ɔbɛn fie no ɔtee sɛ nnwom ne asa rekɔ so. 26 Enti ɔfrɛɛ nkoa no mu baako na ɔbisaa no deɛ yeinom kyerɛ. 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua+ no aba, na wo papa+ akum nantwie ba a wadɔ sradeɛ no, ɛfiri sɛ wanya no a ɔwɔ ahoɔden.’ 28 Na ne bo fuiɛ na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Afei ne papa pue bɛsrɛɛ no.+ 29 Ɔbuaa ne papa sɛ, ‘Mfeɛ bebree nie na masom woɔ a memmuu wo mmara baako mpo so da, nanso wommaa me abirekyie ba sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani da.+ 30 Nanso wo ba+ a ɔne nnwamanfoɔ+ adi w’asetenadeɛ yi baeɛ ara pɛ, woakum nantwie ba a wadɔ sradeɛ ama no.’+ 31 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔba, wowɔ me nkyɛn berɛ nyinaa, na deɛ ɛwɔ me nyinaa yɛ wo dea;+ 32 nanso ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gyeɛ na yɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ wo nua yi wuiɛ na wasan aba nkwa mu, ɔyeraeɛ na wɔahu no.’”+