71 O Yehowa, wo na madwane abɛtoa woɔ.+
Mma m’anim nngu ase da.+
2 Wo tenenee mu na yi me, na gye me.+
Yɛ aso ma me na gye me nkwa.+
3 Yɛ m’abandenden a mekɔ mu daa.+
Hyɛ ma mennya nkwa,+
Ɛfiri sɛ wone me botan ne m’abandenden.+
4 O me Nyankopɔn, gye me firi ɔdebɔneyɛfoɔ nsam,+
Gye me firi omumuyɔfoɔ ne nhyɛsofoɔ nsam.+
5 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone m’anidasoɔ,+ wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu firi me mmɔfraase.+
6 Wo na mefiri yafunu mu matwere woɔ;+
Wo na woyii me firii me maame yam.+
Wo na mɛyi wo ayɛ daa.+
7 Mayɛ sɛ anwanwadeɛ wɔ nnipa bebree ani so;+
Wone me dwankɔbea denden.+
8 W’ayeyie ahyɛ m’anom ma,+
Na meka w’animuonyam daa.+
9 Nto me ntwene me nkɔkoraaberɛ mu;+
Berɛ a m’ahoɔden so ahwan no, nnya me.+
10 M’atamfo aka me ho asɛm,+
Wɔn a wɔn ani sa me kra abom atu agyina,+
11 Na wɔka sɛ: “Onyankopɔn agya no.+
Montĩ no na monkye no, ɛfiri sɛ ɔnni ɔgyefoɔ.”+
12 O Onyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.+
O me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.+
13 Ma wɔn a wɔne me kra di asie no ani nwu na wɔn awieeɛ mmra.+
Ma wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no mfira ahohorabɔ ne animguaseɛ.+
14 Na me deɛ, mɛtwɛn daa;+
Mede bi bɛka w’ayeyie nyinaa ho.
15 M’ano na ɛbɛka wo tenenee ho asɛm;+
Ɛbɛka wo nkwagyeɛ daa nyinaa,+
Ɛfiri sɛ merentumi mmu ne dodoɔ ano.+
16 Wo tumi kɛseɛ mu na mɛba,+ O Awurade Tumfoɔ+ Yehowa;
Mɛka wo tenenee ho asɛm, wo nko ara wo deɛ.+
17 O Onyankopɔn, wofiri me mmɔfraase na akyerɛkyerɛ me,+
Maka w’anwanwadwuma ho asɛm de abɛsi nnɛ.+
18 O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono mpo a, nnya me,+
Kɔsi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ,+
Na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.+
19 O Onyankopɔn, wo tenenee kɔduru sorosoro;+
Nneɛma akɛseɛ a woayɛ mu deɛ,+
Onyankopɔn, hwan koraa na ɔte sɛ woɔ?+
20 Ahohia ne ɔhaw a woama no aba me soɔ nti,+
Ma me ho nsan me bio;+
San ma me so firi subunu mu wɔ asase so.+
21 Ma me kɛseyɛ nkɔ animu,+
Na bɛyɛ me bammɔfoɔ na kyekyere me werɛ.+
22 Me nso mede sankuo bɛkamfo wo,+
Wo nokorɛdie ho, O me Nyankopɔn.+
O Israel Kronkronni,+ mede sankuten bɛto dwom ama wo.
23 Sɛ meto dwom ma wo a, m’ano ho bɛsɛpɛ no,+
Me kra a woagye no no nso saa ara.+
24 Me kɛtrɛma deɛ, daa ɛbɛka wo tenenee ho asɛm wɔ m’akomam,+
Ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no ani awu, na wɔn anim agu ase.+