Tito
1 Paulo, Onyankopɔn akoa+ ne Yesu Kristo somafoɔ+ sɛdeɛ wɔn a Onyankopɔn ayi+ wɔn no gyidie ne nokorɛ+ no ho nimdeɛ a ɛdi mũ+ a ɛne onyamesom pa+ hyia teɛ, 2 adeɛ a ɛgyina daa nkwa+ a Onyankopɔn a ɔntumi nni atorɔ+ no ahyɛ ho bɔ firi teteete+ ho anidasoɔ so, 3 a ɔno ara ne berɛ a ɛsɛ mu no ɔdaa n’asɛm adi wɔ asɛnka a wɔde hyɛɛ me nsa+ no mu, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn hyɛeɛ no,+ 4 de kɔma Tito, ɔba+ amapa a me ne no kura gyidie korɔ mu:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn+ ne Kristo Yesu yɛn Agyenkwa+ no hɔ nka wo.
5 Yei nti na megyaa wo Kreta,+ na woasiesie deɛ atɔ kyima na woayiyi+ mpanimfoɔ wɔ kuro biara mu sɛdeɛ mehyɛɛ+ woɔ no; 6 ɔbarima a asɛm biara nni ne ho,+ ɔyɛ okunu a ne yere+ baako na ɔwɔ mma agyidifoɔ a wɔnni wɔn ho asɛm sɛ wɔdi ahohwisɛm anaa wɔyɛ asobrakyeɛ.+ 7 Na ɛsɛ sɛ ɔhwɛfoɔ yɛ obi a asɛm biara nni ne ho+ sɛ Onyankopɔn fiehwɛfoɔ,+ ɔnni ne koko so asɛm,+ ne bo mfu ntɛmntɛm,+ ɔnyɛ kɔwensani tutupɛfoɔ,+ ɔnyɛ pupopupo,+ ɔnyɛ odifudepɛfoɔ poobɔfoɔ,+ 8 na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔpɛ papayɛ, n’adwenem da hɔ,+ ɔtene, ɔyɛ nokwafoɔ,+ ɔtumi di ne ho so,+ 9 na ɛkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ+ gyina nokwasɛm no so pintinn, na ama watumi de nkyerɛkyerɛ pa+ no atu fo na wayi wɔn a wɔkasa tia no atɛn.+
10 Na nnipa pii yɛ asobrakyeɛ, wɔn a wɔkeka nsɛnhunu+ na wɔdaadaa nkurɔfoɔ, ne titire no wɔn a wɔagye twetiatwa+ agyina mu no. 11 Ɛhia sɛ wɔma saa nnipa yi mua wɔn ano, ɛfiri sɛ wɔkɔ so dane mmusua mũ nyinaa butu+ berɛ a mfaso+ bɔne nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ. 12 Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ara wɔn diyifoɔ kaa sɛ: “Kretafoɔ yɛ atorofoɔ berɛ nyinaa, nkekaboa bɔne,+ adidifoɔ akwadwofoɔ.”
13 Saa adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Yei nti kɔ so yi wɔn ntɛn dendeenden,+ na wɔayɛ nnipa a wɔyɛ den+ wɔ gyidie no mu, 14 na wɔantie Yudafoɔ anansesɛm+ ne ahyɛdeɛ a nnipa a wɔatwe wɔn ho afiri nokorɛ no ho+ akɔfa aba.+ 15 Nneɛma nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ.+ Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ+ na wɔnnye nnie+ no deɛ, biribiara ho nte, na wɔn adwene ne wɔn ahonim+ nyinaa ho agu fĩ. 16 Wɔpae mu ka no badwam sɛ wɔnim Onyankopɔn,+ nanso wɔde wɔn nnwuma+ pa no, ɛfiri sɛ wɔbu wɔn sɛ abofonodeɛ, na wɔyɛ asoɔdenfoɔ a wɔmfata+ mma adwuma pa biara.