1 Yohane
4 Adɔfo, monnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni,+ na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa,+ ɛfiri sɛ atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.+
2 Mohunu honhom mu nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn hɔ+ saa kwan yi so: Honhom mu nsɛm biara a ɛpae mu ka sɛ Yesu Kristo baa honam mu no firi Onyankopɔn,+ 3 na honhom mu nsɛm biara a ɛmpae mu nka Yesu ho asɛm no mfiri Onyankopɔn.+ Afei nso, yei ne honhom mu nsɛm a ɛfiri deɛ ɔtia Kristo no a moate sɛ ɛreba,+ na seesei anya aba wiase no.+
4 Mma nkumaa, mofiri Onyankopɔn mu, na moadi saa nkurɔfoɔ no so,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo afã+ no sõ+ sene deɛ ɔwɔ wiase+ no afã. 5 Wɔn deɛ, wɔfiri wiase;+ yei nti na wɔka nsɛm a ɛfiri wiase na wiase tie wɔn no.+ 6 Yɛn deɛ, yɛfiri Onyankopɔn.+ Deɛ ɔnya Onyankopɔn ho nimdeɛ no tie yɛn;+ deɛ ɔmfiri Onyankopɔn no ntie yɛn.+ Saa kwan yi so na yɛhunu honhom mu nsɛm a ɛyɛ nokorɛ ne honhom mu nsɛm a ɛyɛ nnaadaa.+
7 Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho,+ ɛfiri sɛ ɔdɔ+ firi Onyankopɔn, na obiara a ɔwɔ ɔdɔ no Onyankopɔn na awo no+ na ɔnya Onyankopɔn ho nimdeɛ.+ 8 Deɛ ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne dɔ.+ 9 Yei mu na wɔyii Onyankopɔn dɔ adie wɔ yɛn ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro+ no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.+ 10 Yei mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba baa sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔdeɛ+ mpata+ mma yɛn bɔne.+
11 Adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔɔ yɛn a, ɛnneɛ na ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho.+ 12 Obiara nhunuu Onyankopɔn da.+ Sɛ yɛkɔ so dodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ wie pɛyɛ wɔ yɛn mu.+ 13 Yei na ɛma yɛhunu sɛ yɛne no yɛ baako+ na ɔno nso ne yɛn yɛ baako,+ ɛfiri sɛ ɔde ne honhom ama yɛn.+ 14 Bio nso, yɛn ara yɛahunu+ na yɛadi ho adanseɛ+ sɛ Agya no asoma ne Ba no sɛ wiase Agyenkwa.+ 15 Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Onyankopɔn Ba no,+ Onyankopɔn ne no yɛ baako, na ɔno nso ne Onyankopɔn yɛ baako.+ 16 Na yɛn ara yɛabɛhunu, na yɛagye ɔdɔ+ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no adi.
Onyankopɔn ne dɔ,+ na obiara a ɔte ɔdɔ+ mu no ne Onyankopɔn yɛ baako, na Onyankopɔn ne no yɛ baako.+ 17 Saa kwan yi so na ɔdɔ wie pɛyɛ yɛn mu, na ama yɛatumi akasa ahotɔsoɔ mu+ atemmu da no,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno teɛ no, saa na yɛn nso yɛteɛ wɔ wiase yi mu.+ 18 Ehu biara nni ɔdɔ mu,+ na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ pamo ehu,+ ɛfiri sɛ ehu de ahohia na ɛba. Nokorɛm no, deɛ ehu aka no no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.+ 19 Yɛn deɛ, yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan dɔɔ yɛn.+
20 Sɛ obi ka sɛ: “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ.+ Ɛfiri sɛ deɛ ɔnnɔ ne nua+ a ɔhu no no rentumi nnɔ Onyankopɔn a ɔnhu no.+ 21 Na yei ne ahyɛdeɛ a yɛanya afiri ne hɔ,+ sɛ deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.+