Adiyisɛm
10 Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ+ foforɔ sɛ ɔresiane firi soro a ɔfira mununkum+ na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ awia,+ na ne nan+ te sɛ egya adum, 2 na ɔkura nwoma mmobɔeɛ ketewa bi a wɔabue mu wɔ ne nsam. Na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum no sii asase so,+ 3 na ɔde nne kɛseɛ teaam te sɛ gyata+ a ɔrebobom. Na berɛ a ɔteaam no, aprannaa+ nson no de wɔn ara wɔn nne kasaeɛ.
4 Afei berɛ a aprannaa nson no kasaeɛ no, meyɛɛ sɛ meretwerɛ; nanso metee nne bi firii soro+ sɛ: “Sɔ nsɛm+ a aprannaa nson no kaeɛ no ano, na ntwerɛ.” 5 Na ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina ɛpo ne asase soɔ no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,+ 6 na ɔde Deɛ ɔte ase+ daa daa+ a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwom ne asase+ ne deɛ ɛwom ne ɛpo ne deɛ ɛwom no+ din kaa ntam sɛ: “Ɔrentwɛn+ bio; 7 mmom nna a ɔbɔfoɔ+ a ɔtɔ so nson no rebɛhyɛne ne totorobɛnto+ no, na Onyankopɔn ahuntasɛm kronkron+ a ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa adiyifoɔ+ no aba mu awie.”
8 Na ɛnne+ a mete firii soro no ne me kasaa bio sɛ: “Kɔ kɔgye nwoma a wɔabue mu a ɛwɔ ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so nsam no.”+ 9 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Gye na di,+ na ɛbɛyɛ nwono wɔ wo yam, nanso w’anom deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.” 10 Ɛnna megyee nwoma ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsam diiɛ,+ na ɛyɛɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ+ wɔ m’anom; nanso medi wieeɛ no, ɛyɛɛ nwono wɔ me yam. 11 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohyɛ nnipa ne aman ne kasa ne ahemfo pii ho nkɔm bio.”+