Luka
18 Afei ɔtoaa so maa wɔn mfatoho bi de kyerɛɛ sɛdeɛ ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba,+ 2 sɛ: “Ná ɔtemmufoɔ bi wɔ kuro bi mu a ɔnsuro Nyankopɔn na ɔmmu onipa biara, 3 na na okunafoɔ bi wɔ saa kuro no mu a ɔtaa kɔ+ ne nkyɛn kɔka sɛ, ‘Hwɛ sɛ wobɛbu atɛntenenee ama me wɔ me nkurobɔfoɔ ho.’ 4 Ɔtwentwɛn ne nan ase kakra, nanso akyire yi ɔkaa no ne tirim sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Nyankopɔn na memmu onipa deɛ, 5 nanso, sɛdeɛ okunafoɔ yi kɔ so ha me nti,+ mɛhwɛ ama wanya atɛntenenee, na wamma ammɛdwan+ me ho koraa.’” 6 Afei Awurade kaa sɛ: “Montie deɛ ɔtemmufoɔ a ɔntene no mpo kaeɛ! 7 Nokwasɛm nie, ɛwom sɛ Onyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre+ ma wɔn deɛ, nanso ɔremmu atɛntenenee+ mma wɔn a wɔayi wɔn a wɔteam frɛ no awia ne anadwo no anaa? 8 Mese mo sɛ, Ɔbɛbu atɛntenenee ama wɔn ntɛm so.+ Nanso sɛ onipa Ba no ba a, ɔbɛhunu gyidie paa wɔ asase so?”
9 Na ɔde mfatoho yi nso maa ebinom a wɔgye wɔn ho di sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ+ na wɔmmu wɔn a aka no hwee no:+ 10 “Mmarima mmienu kɔɔ asɔrefie kɔbɔɔ mpaeɛ, baako yɛ Farisini na deɛ ɔka ne ho no yɛ togyeni. 11 Farisini no sɔre gyinaeɛ+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, apoobɔfoɔ, wɔn a wɔntene, awaresɛefoɔ, anaasɛ togyeni yi mpo.+ 12 Medi mmuada mprenu nnawɔtwe, meyi deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du.’+ 13 Na togyeni no a ɔgyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne tiri so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko+ ara kaa sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfoɔ+ yi mmɔbɔ.’ 14 Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔteneneeni+ senee ɔbarima baako no; ɛfiri sɛ obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma no so.”+
15 Afei nkurɔfoɔ firii aseɛ de wɔn mma nkɔkoaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na n’asuafoɔ no hunuiɛ no wɔkaa wɔn anim.+ 16 Nanso, Yesu frɛɛ mmɔfra no baa ne nkyɛn kaa sɛ: “Momma mmɔfra nkumaa no mmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa+ na Onyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea. 17 Nokorɛm mese mo sɛ, obiara a ɔnnye Onyankopɔn ahennie sɛ abɔfra kumaa no renkɔ mu ɛkwan biara so.”+
18 Na otumfoɔ bi bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na meyɛ a mɛnya daa nkwa?”+ 19 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ, Onyankopɔn.+ 20 Wonim mmara no,+ ‘Nsɛe awareɛ,+ Nni awu,+ Mmɔ korɔno,+ Nni adansekunumu,+ Di wo papa ne wo maame ni.’”+ 21 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Madi yeinom nyinaa so firi me mmɔfraase.”+ 22 Yesu tee ɛno no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nanso aka wo adeɛ baako: Tɔn deɛ wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya ademudeɛ wɔ soro; na bra bɛdi m’akyi.”+ 23 Berɛ a ɔtee yei no, ne werɛ hoo paa, ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.+
24 Yesu hwɛɛ no kaa sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu!+ 25 Nokorɛm no, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu.”+ 26 Wɔn a wɔtee yei no kaa sɛ: “Ɛnneɛ hwan koraa na ɔbɛtumi anya nkwa?” 27 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no bɛtumi ayɛ yie wɔ Onyankopɔn fam.”+ 28 Na Petro kaa sɛ: “Hwɛ! Yɛagya yɛn nneɛma hɔ abɛdi w’akyi.”+ 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, obiara nni hɔ a wagya fie anaasɛ ɔyere anaasɛ nua mmarima anaasɛ awofoɔ anaasɛ mma, Onyankopɔn ahennie nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho pii saa berɛ yi, ne daa nkwa+ wɔ berɛ* a ɛreba no mu.”
31 Afei ɔde dumienu no kɔɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Yɛrekɔ Yerusalem na deɛ wɔnam adiyifoɔ+ no so atwerɛ afa onipa Ba no ho nyinaa aba mu.+ 32 Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ na wɔadi ne ho agorɔ+ na wɔabɔ no adapaa+ atete ntasuo+ agu ne so; 33 na wɔhwe+ no wie a wɔbɛku+ no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛnyane.”+ 34 Nanso, wɔante nneɛma yi mu biara ase; ná wɔde nsɛm yi ahunta wɔn, na wɔnnim deɛ waka no.+
35 Na berɛ a ɔrebɛn Yeriko no, na onifirani bi te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.+ 36 Ɛsiane sɛ ɔtee sɛ nnipakuo bi retwam nti, ɔfirii aseɛ bisabisaa deɛ yei kyerɛ. 37 Wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Yesu, Nasareni no na ɔretwam!”+ 38 Ɛnna ɔteaam sɛ: “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”+ 39 Na wɔn a wɔdi kan no teateaa no sɛ ɔnyɛ komm, nanso ɛno koraa na ɔteateaam dendeenden kaa sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ.”+ 40 Afei Yesu gyinaeɛ na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa ɔbarima no mmra ne nkyɛn.+ Ɔduruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ: 41 “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ?”+ Ɔkaa sɛ: “Awurade, ma menhunu adeɛ.”+ 42 Enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hunu adeɛ; wo gyidie ama wo ho asan wo.”+ 43 Na amonom hɔ ara ɔhunuu adeɛ,+ na ɔfirii aseɛ dii n’akyi a ɔrehyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ Afei nso berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa hunuiɛ no, wɔyii Onyankopɔn ayɛ.