Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Sukooko so.+ Nkaeɛ. Asaf dwom.+ Ayeyi dwom.
80 O Israel Hwɛfoɔ, yɛ aso,+
Wo a woka Yosef sɛ nnwankuo no.+
Wo a wote kerubim+ soɔ, pue na hyerɛn ɛ.+
2 Ma wo tumi so, Efraim ne Benyamin ne Manase anim,+
Na bɛgye yɛn nkwa.+
3 O Onyankopɔn, san fa yɛn bra;+
Ma w’anim nte, na yɛanya nkwa.+
4 O asafo Yehowa Nyankopɔn, wo man mpaebɔ bɛyɛ wo abufu akɔsi da bɛn?+
5 Woama nisuo adane wɔn aduane,+
Na daa woma wɔnom nisuo pii.+
6 Woama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ko yɛn ho,+
Na yɛn atamfo di yɛn ho fɛ sɛdeɛ wɔpɛ biara.+
7 O asafo Nyankopɔn, san fa yɛn bra;+
Ma w’anim nte, na yɛanya nkwa.+
8 Womaa bobe dua firii Egypt.+
Wotuu amanaman no na woduaeɛ.+
9 Wododɔɔ ho maa no nyaa nhini,+ na ɛyɛɛ asase so ma.+
10 Ne nwunu kataa mmepɔ so,
Na ne mman kataa Onyankopɔn ntweneduro so.+
11 Ne mman nyini kɔduruu po ho,+
Na ne duban nso kɔduruu asubɔnten kɛseɛ no ho.+
12 Adɛn nti na woabubu n’aboɔ afasuo?+
Na adɛn nti na wɔn a wɔtwam wɔ ho nyinaa tete n’aba bie?+
13 Ɛno na kɔkɔte a ɔte wuram weɛ,+
Na mmoadoma a wɔwɔ wuram de ayɛ wɔn aduane.+
14 O asafo Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, san w’akyi bra;+
Brɛ w’ani ase firi soro na bɛhwɛ bobe yi,+
15 Ne dua a wo nsa nifa atɛ,+
Na bɛhwɛ aba a woama no ayɛ den no.+
16 Wɔde gya ahye, wɔatwa atwene.+
W’animka ma wɔyera.+
17 Ma wo nsa mmra onipa a ɔwɔ wo nifa so,+
Ne onipa ba a woama no ayɛ den no so.+
18 Na yɛrensan mfiri w’akyi.+
Kora yɛn nkwa so, na yɛabɔ wo din.+
19 O asafo Yehowa Nyankopɔn, san fa yɛn bra;+
Ma w’anim nte, na yɛanya nkwa.+