Asomafoɔ Nnwuma
17 Afei wɔkɔfaa Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika,+ baabi a na Yudafoɔ hyiadan bi wɔ no. 2 Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no,+ ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ hɔ, na ɔde homeda mmiɛnsa ne wɔn susuu nsɛm ho firii Twerɛnsɛm no mu,+ 3 na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanseɛ ahodoɔ kyerɛɛ sɛ na ɛhia sɛ Kristo hunu amane+ na ɔsɔre firi awufoɔ mu,+ na ɔkaa sɛ: “Oyi ne Kristo no,+ Yesu a mereka ne ho asɛm kyerɛ mo no.” 4 Ɛno maa wɔn mu binom bɛyɛɛ agyidifoɔ+ na wɔde wɔn ho bataa Paulo ne Silas+ ho, na Helafoɔ dɔm kɛseɛ bi a wɔsom Onyankopɔn ne mmaa atitire a wɔdɔɔso pii nso yɛɛ saa.
5 Na Yudafoɔ no ani bereeɛ,+ na wɔboaboaa nsɛmmɔnedifoɔ bi a wɔwɔ dwa so a wɔmpɛ hwee ayɛ ano maa kuro no mu yɛɛ bagyabagya.+ Na wɔto hyɛɛ Yason+ fie so hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn bɛbrɛ wɔn a wɔreyɛ basabasa no. 6 Berɛ a wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom binom kɔmaa kuro no mu atumfoɔ, na wɔteateaam sɛ: “Mmarima a wɔadane+ wiase ani no aba ha nso, 7 na Yason agye wɔn aba ne fie. Saa nnipa yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛdeɛ+ ka sɛ ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ+ a ɔne Yesu.” 8 Nokorɛm no, berɛ a nnipakuo no ne kuro no mu atumfoɔ tee nsɛm yi no, wɔn ani bereeɛ; 9 afei berɛ a wɔmaa Yason ne wɔn a aka no dii agyinamu maa wɔn no, wɔgyaa wɔn.
10 Anadwo+ no ara anuanom no maa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia, na wɔkɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. 11 Ná yeinom wɔ adwempa sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara na wɔhwehwɛ+ Twerɛnsɛm+ no mu yie hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.+ 12 Ɛnna wɔn mu pii bɛyɛɛ agyidifoɔ, na Helafoɔ mmaa ne mmarima atitire+ a wɔdɔɔso pii nso yɛɛ saa. 13 Nanso berɛ a Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paulo aka Onyankopɔn asɛm wɔ Beroia nso no, wɔbaa hɔ nso bɛtutu guu ɔmanfoɔ no asom+ hwanyan+ wɔn. 14 Ɛhɔ ara na anuanom gyaa Paulo kwan kɔduruu po no so nohoa;+ na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ. 15 Nanso, wɔn a wɔkɔgyaa Paulo kwan no de no kɔduruu Atene, na berɛ a ɔkraa wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo+ sɛ wɔmmra ne nkyɛn ntɛm so no, wɔfirii hɔ kɔeɛ.
16 Berɛ a na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene a ɔhunuu sɛ ahoni ahyɛ kuro no ma no, ɛyɛɛ no ahomete.+ 17 Enti ɔne Yudafoɔ+ ne nnipa a aka a wɔsom Onyankopɔn no susuu nsɛm ho wɔ hyiadan no mu, na da biara na ɔkɔ wɔn a ɔbɛnya wɔn no nso nkyɛn wɔ dwa so.+ 18 Nanso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ+ bi ne no dii anobaabaeɛ, na ebinom kaa sɛ: “Ɛdeɛn na kasatenten wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?”+ Ebinom nso se: “Gyama ɔka ananafoɔ anyame ho asɛm.” Ɛfiri sɛ na ɔreka Yesu ne owusɔreɛ no ho asɛmpa.+ 19 Enti wɔkyee no de no kɔɔ Areopago asɛnnibea kaa sɛ: “Wobɛtumi ama yɛahunu nkyerɛkyerɛ foforɔ+ a worekyerɛkyerɛ yi mu anaa? 20 Ɛfiri sɛ woreka nsɛm bi a ɛyɛ foforɔ koraa wɔ yɛn asom. Enti yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ nsɛm yi kyerɛ.”+ 21 Nokorɛm no, sɛ Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ hɔ no nya berɛ a, deɛ wɔde yɛ ara ne sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛtie asɛm foforɔ. 22 Afei Paulo sɔre gyinaa Areopago+ no mfimfini kaa sɛ:
“Atene mmarima, mahunu sɛ ɛkame ayɛ sɛ adeɛ nyinaa mu no mopɛ nyamesom+ sene afoforɔ. 23 Sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a meretwam a mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ, ‘Ɛyɛ Onyame Bi a Wɔnni No Dea.’ Enti deɛ mosom no a monni no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo. 24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no, Ɔno ne ɔsoro ne asase Wura,+ enti ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,+ 25 na saa ara nso na wɔmfa nnipa nsa nsom no te sɛ deɛ biribi hia no,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa+ ne home+ ne nneɛma nyinaa. 26 Na ɔyɛɛ nnipa aman+ nyinaa firii onipa baako+ mu sɛ wɔntena asase nyinaa so,+ na ɔhyɛɛ mmerɛ too hɔ+ de ahyeɛ nso totoo nnipa tenabea+ 27 na wɔapɛ Onyankopɔn akyiri kwan,+ ahwehwɛ no dendeenden akɔsi sɛ wɔbɛhu no,+ nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware. 28 Na ɛnam ne so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ,+ na mo mu anwensɛm atwerɛfoɔ+ bi mpo aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma.’
29 “Enti, berɛ a yɛhunu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asefoɔ+ no, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Tweaduampɔn+ no te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɛboɔ, anaa adwini bi a onipa de n’adwene adie anaa wabɔ ne tirim ayɛ.+ 30 Nokorɛm no, Onyankopɔn buu n’ani guu mmerɛ a na wɔnnim hwee no so,+ nanso afei ɔreka akyerɛ adasamma a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ obiara nsakra.+ 31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asase atɛn+ wɔ tenenee mu, na wanyane+ no afiri awufoɔ mu de ayɛ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”
32 Na berɛ a wɔtee owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom firii aseɛ dii fɛ,+ na ebinom nso kaa sɛ: “Yɛbɛtie wo yei ho bio berɛ foforɔ nso.” 33 Ɛnna Paulo firii wɔn mu kɔeɛ, 34 nanso mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no bɛyɛɛ agyidifoɔ; wɔn mu binom ne Dionisio a ɔyɛ Areopago+ badwa no temmufoɔ, ne ɔbaa bi a wɔfrɛ no Damari, ne afoforɔ a wɔka wɔn ho.