Dwom Dawid dwom. 123 Wo na mama m’ani so akyerɛ woɔ,+Wo a wote soro no.+ 2 Hwɛ! Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa,+Na mfenaa ani hwɛ wɔn awuraa nsa+ no,Saa ara na yɛn ani hwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn+Kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.+ 3 Dom yɛn, O Yehowa, dom yɛn,+Na animtiabuo amee yɛn dodo.+ 4 Wɔn a wɔn ho adwo wɔn no ama fɛdie amee yɛn kra dodo,+Na ahantanfoɔ nso ama animtiabuo amee yɛn.+