Adiyisɛm
3 “Twerɛ kɔma Sardi asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yeinom na deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson+ ne nsoromma nson+ no ka, ‘Menim wo nnwuma sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.+ 2 Wɛn,+ na hyɛ nneɛma a aka a na ɛrewuo no mu den,+ na menhunuu sɛ woawie wo nnwuma wɔ me Nyankopɔn anim.+ 3 Enti kɔ so kae deɛ woanya+ ne deɛ woateɛ, na di so+ na sakra.+ Nokwasɛm nie, sɛ woanwɛn a,+ mɛba sɛ korɔmfoɔ,+ na worenhunu dɔn ko a mɛba wo so da.+
4 “‘Nanso wowɔ nnipa kakra+ wɔ Sardi a wɔangu wɔn ntadeɛ ngugusoɔ ho fĩ,+ na wɔne me bɛnante ntade fitaa mu,+ ɛfiri sɛ wɔfata.+ 5 Enti deɛ ɔdi nkonim+ no wɔde ntadeɛ ngugusoɔ fitaa bɛhyɛ no;+ na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu da,+ na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya+ ne n’abɔfoɔ anim.+ 6 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’
7 “Twerɛ kɔma Filadelfia asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yeinom na deɛ ɔyɛ kronkron,+ ɔnokwafoɔ,+ deɛ ɔwɔ Dawid safoa,+ a sɛ ɔbue a obiara ntom, na ɔtom a obiara mmue, no ka, 8 ‘Menim wo nnwuma+—hwɛ! mede ɛpono a wɔabue+ asi w’anim a obiara ntumi ntom—ɛne sɛ wowɔ tumi kakra, na wodii m’asɛm so na woampa me din.+ 9 Hwɛ! mede wɔn a wɔfiri Satan badwa mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ,+ nanso wɔnyɛ bie na mmom wɔredi atorɔ+ no bɛma—hwɛ! mɛma wɔaba abɛkoto+ wo nan ase na wɔahunu sɛ medɔ wo. 10 Ɛsiane sɛ wodii me boasetɔ+ ho asɛm soɔ nti, me nso mɛkora+ wo so wɔ sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa so abɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ no mu.+ 11 Mereba ntɛm.+ Kɔ so kura deɛ wowɔ no mu dendeenden,+ na obi annye w’abotire.+
12 “‘Deɛ ɔdi nkonim no—mɛyɛ no edum+ wɔ me Nyankopɔn+ asɔrefie,+ na ɔremfiri hɔ nkɔ bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kuro, Yerusalem foforɔ+ a ɛfiri me Nyankopɔn hɔ siane firi soro, no din wɔ ne so, ne me ara me din foforɔ no.+ 13 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’
14 “Twerɛ kɔma Laodikea+ asafo no bɔfoɔ sɛ: Yeinom na Amen+ no ka, ɔdanseni+ nokwafoɔ+ a wɔwɔ ne mu ahotɔsoɔ,+ Onyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ no,+ 15 ‘Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na saa ara na wonyɛ hyeɛ. Me yam a anka woyɛ nwunu anaasɛ woyɛ hye. 16 Enti ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hye+ na wonyɛ nwunu+ nti, mɛfe wo afiri m’anom. 17 Woka sɛ: “Meyɛ ɔdefoɔ,+ manya me ho, na hwee nhia me,” nanso wonnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛho, na woyɛ ohiani ne onifirani+ a woda adagya, 18 enti metu wo fo sɛ tɔ sika+ a wɔde gya apa mu firi me nkyɛn na woayɛ ɔdefoɔ, ne ntadeɛ ngugusoɔ fitaa na woatumi asiesie wo ho na wɔanyi w’adagya so amma w’ani anwu,+ na tɔ aniduro a wode bɛsra w’ani+ na woahunu adeɛ.
19 “‘Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa meyi wɔn ntɛn tene wɔn so.+ Enti yɛ nnam na sakra.+ 20 Hwɛ! megyina pono ano+ rebom. Sɛ obi te me nne na ɔbue pono no a,+ mɛba ne fie ne no abɛdi anwummeduane na ɔno nso ne me adidi. 21 Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma ɔne me atena m’ahennwa so,+ sɛdeɛ me nso medii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahennwa+ soɔ no. 22 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’”+