Yohane
13 Afei, ansa na twam afahyɛ no rebɛduro no, na Yesu nim sɛ ne dɔn no aduru+ sɛ ɔfiri wiase kɔ Agya no nkyɛn.+ Na ɛsiane sɛ na Yesu dɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no nti,+ ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ. 2 Enti berɛ a na wɔredi anwummeduane no, na Ɔbonsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot akomam dada+ sɛ ɔnyi no mma,+ 3 na ɛsiane sɛ ɔnim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa,+ na ɔfiri Onyankopɔn hɔ na ɔrekɔ Onyankopɔn hɔ nti,+ 4 ɔsɔre firii aduane no ho yii n’atadeɛ ngugusoɔ guu hɔ. Afei ɔfaa mpepaho de bɔɔ ne mu.+ 5 Ɛno akyi no, ɔde nsuo guu dwaresɛn mu na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho+ na ɔde mpepaho a ɛbɔ ne mu no pepaa ho. 6 Ɛnna ɔduruu Simon Petro so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, wo na worehohoro me nan ho?”+ 7 Yesu bua see no sɛ: “Deɛ mereyɛ yi wonte aseɛ seesei, nanso yeinom akyi no, wobɛte aseɛ.”+ 8 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Worenhohoro me nan ho da.” Yesu buaa no sɛ: “Sɛ manhohoro wo nan ho a,+ wonni kyɛfa biara me mu.” 9 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” 10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wadwareɛ+ no, ɛnhia no hwee sɛ ne nan ho a ɔbɛhohoro, ɛfiri sɛ ne ho nyinaa afi. Mo ho afi, nanso ɛnyɛ mo nyinaa.” 11 Na ɔnim onipa ko a ɔbɛyi no ama.+ Enti na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi” no.
12 Afei berɛ a ɔhohoroo wɔn nan ho wieeɛ a ɔhyɛɛ n’atadeɛ ngugusoɔ no kɔtenaa pono no ho bio no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moahunu deɛ mayɛ mo yi? 13 Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’+ ne ‘Awurade,’+ na ɛyɛ ne kwan so sɛ moka saa, ɛfiri sɛ meyɛ saa.+ 14 Na sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ ahohoro mo nan ho a,+ ɛsɛ sɛ mo nso mo mu biara hohoro ne yɔnko nan ho.+ 15 Na magya mo nhwɛsodeɛ sɛ sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 16 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, akoa nsene ne wura, na saa ara na deɛ wɔasoma no nsene onii a ɔsomaa no no.+ 17 Sɛ monim yeinom na moyɛ a, mo ani bɛgye.+ 18 Ɛnyɛ mo nyinaa mo ho asɛm na mereka; menim wɔn a mayi wɔn.+ Na mmom sɛdeɛ Twerɛnsɛm no bɛba mu+ sɛ, ‘Deɛ na ɔdi m’aduane no, wama ne nantin so atia me.’+ 19 Ɛfiri saa berɛ yi mereka akyerɛ mo ansa na aba,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na sɛ ɛnya ba a, mobɛgye adi sɛ mene no. 20 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, deɛ ɔgye obiara a mesoma no no gye me nso.+ Saa ara na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no nso.”+
21 Yesu kaa yei wieeɛ no, ne ho yeraa no, na ɔpaee mu kaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mo mu baako bɛyi me ama.”+ 22 Asuafoɔ no hwehwɛɛ wɔn ho anim a wɔnhunu onii a ɔreka ne ho asɛm.+ 23 Ná asuafoɔ no baako a Yesu dɔ no no+ twere Yesu kokom. 24 Enti Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no see no sɛ: “Kyerɛ onii a ɔreka ne ho asɛm.” 25 Ɛnna ɔsan pa tweree Yesu kokom ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ɛyɛ hwan?”+ 26 Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Ɔno na mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no no.”+ Afei berɛ a ɔde paanoo sini no bɔɔ mu no, ɔde maa Yuda, Simon Iskariot ba no. 27 Ɔgyee paanoo sini no wieeɛ no, Satan bɛhyɛɛ ne mu.+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛmntɛm.” 28 Nanso na wɔn a wɔte pono no ho no biara nnim deɛ enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. 29 Ɛsiane sɛ Yuda na na ɔkura sika adaka+ no nti, ebinom susuu sɛ na Yesu reka akyerɛ no sɛ: “Kɔtotɔ nneɛma a yɛhia ma afahyɛ no,” anaa ɔmfa biribi mma ahiafoɔ.+ 30 Afei berɛ a ɔgyee paanoo sini no, ɔfirii hɔ ntɛm ara. Na ɛyɛ anadwo.+
31 Enti ɔfirii adie no, Yesu kaa sɛ: “Afei wɔahyɛ onipa Ba no animuonyam,+ na ne nti wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam. 32 Na Onyankopɔn no ara bɛhyɛ no animuonyam,+ na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm ara. 33 Mma nkumaa,+ me ne mo bɛtena berɛ tiaa bi. Mobɛhwehwɛ me; na sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, ‘Baabi a merekɔ no montumi mma hɔ’+ no, saa ara na seesei meka kyerɛ mo nso. 34 Mede ahyɛdeɛ foforɔ rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+ 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ ampa.”+
36 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ɛhe na worekorɔ?” Yesu buaa sɛ: “Baabi a merekɔ no wontumi nni m’akyi seesei, nanso akyire yi wobɛdi akyire aba.”+ 37 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, adɛn nti na mentumi nni w’akyi seesei? Mede me kra bɛto hɔ ama wo.”+ 38 Yesu buaa sɛ: “Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Meka no nokorɛm kyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”+