Asomafoɔ Nnwuma
19 Ɛbaa sɛ berɛ a Apolo+ wɔ Korinto no, Paulo faa fam baa Efeso,+ na ɔhunuu asuafoɔ bi; 2 na ɔbisaa wɔn sɛ: “Monyaa honhom kronkron+ berɛ a mobɛyɛɛ agyidifoɔ no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ei, yɛntee da mpo sɛ honhom kronkron bi wɔ hɔ.”+ 3 Na ɔkaa sɛ: “Ɛnneɛ, ɛdeɛn mu na wɔbɔɔ mo asuo?” Wɔkaa sɛ: “Yohane asubɔ+ mu.” 4 Paulo kaa sɛ: “Yohane bɔɔ asu a na ɛyɛ adwensakra ho sɛnkyerɛnne,+ na ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ wɔnnya deɛ ɔdi n’akyi reba,+ a ɔne Yesu, no mu gyidie.” 5 Wɔtee yei no, wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu.+ 6 Afei berɛ a Paulo de ne nsa+ guu wɔn soɔ no, honhom kronkron baa wɔn so, na wɔfirii aseɛ kaa kasa hodoɔ na wɔhyɛɛ nkɔm.+ 7 Ná wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dumienu.
8 Afei ɔkɔɔ hyiadan+ mu de akokoɔduro kasaa abosome mmiɛnsa, na ɔkaa Onyankopɔn ahennie+ no ho asɛm a ɛtɔ asomu. 9 Nanso berɛ a ebinom pirim wɔn akoma na wɔannye annie,+ na wɔkekaa Ɛkwan No+ ho nsɛmmɔne wɔ nnipadɔm no anim no, ɔtwee ne ho+ yii asuafoɔ no firii wɔn mu,+ na daa na ɔka asɛm wɔ Tirano sukuu dan no mu. 10 Yei kɔɔ so mfeɛ mmienu,+ na wɔn a wɔte Asia+ mpɔtamu nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa, tee Awurade asɛm no.
11 Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenneɛ soronko;+ 12 enti wɔyii ntoma ne atadeɛ nsɛneanimu mpo firii ne ho kɔguu ayarefoɔ so,+ na wɔn yareɛ no gyaeeɛ, na ahonhommɔne no firii wɔn mu.+ 13 Ɛnna Yudafoɔ a wɔkyinkyini tutu ahonhommɔne+ no binom nso bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din+ agu wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no soɔ sɛ: “Mehyɛ mo+ Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no din mu.” 14 Ná Yudani sɔfo panin bi a wɔfrɛ no Skewa wɔ mma nson bi a wɔyɛ saa. 15 Na honhommɔne no buaa wɔn sɛ: “Menim Yesu,+ na menim Paulo,+ na mo nso mofiri he?” 16 Ɛnna onipa a honhommɔne wɔ ne soɔ no to hyɛɛ wɔn so+ dii wɔn so mmaako mmaako yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagya dwane firii fie hɔ kɔeɛ a na wɔapirapira. 17 Obiara tee yei ho asɛm, Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔtete Efeso nyinaa; na ehu+ kaa wɔn nyinaa, na wɔkɔɔ so kamfoo Awurade Yesu din.+ 18 Na wɔn a wɔagye adie no bebree ba bɛkaa+ wɔn nneyɛɛ pefee. 19 Na wɔn a wɔdi asumansɛm+ no pii de wɔn nwoma ba bɛhyeeɛ maa obiara hunuiɛ. Na wɔbuu ne nyinaa ano hunuu sɛ ne boɔ yɛ nnwetɛbena ɔpeduonum. 20 Saa na ɛyɛeɛ a Yehowa asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛeɛ, na aseɛ timiiɛ.+
21 Afei wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia+ ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem,+ na ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, ɛtwa sɛ mehunu Roma+ nso.” 22 Enti ɔsomaa wɔn a wɔsom no no mu mmienu, Timoteo+ ne Erasto,+ kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ, ɔkyɛɛ kakra wɔ Asia mantam no mu.
23 Saa berɛ no sakasaka+ kɛseɛ bi sɔree wɔ Ɛkwan No+ ho. 24 Ɛne sɛ ná dwetɛ dwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio, nam Artemi abosonnan a ɔde dwetɛ yɛ no so ma adwumfoɔ no nya mfasoɔ kɛse;+ 25 na ɔboaboaa wɔne wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛtete saa+ ho adwuma no ano kaa sɛ: “Mmarima, monim yie sɛ adwuma yi na ɛma yɛnya yɛn ho.+ 26 Afei nso, moahunu na moate sɛdeɛ ɛnyɛ Efeso+ nko na Paulo yi adane nnipakuo pii adwene ama wɔanya adwene foforɔ, na mmom ɛkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ deɛ wɔde nsa+ ayɛ no nyɛ anyame. 27 Bio nso, ɛnyɛ yɛn adwuma a ɛbɛnya dimmɔne no nko ara ne asɛm no, na mmom wɔbɛbu onyamebaa kɛseɛ Artemi+ asɔrefie nso adehunu, na n’animuonyam a Asia mantam ne asase sofoɔ nyinaa de som no mpo, wɔbɛbrɛ no ase.” 28 Berɛ a nkurɔfoɔ no tee yei a wɔn bo fuiɛ no, wɔteateaam sɛ: “Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!”
29 Enti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na wɔn nyinaa de akoma korɔ bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na wɔkyee Gaio ne Aristarko+ a wɔyɛ Makedoniafoɔ ne Paulo akwantuo mu ahokafoɔ no. 30 Paulo deɛ, na ɔpɛ sɛ ɔkɔ nnipa no mu, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31 Mpanimfoɔ a wɔhwɛ afahyɛ ne agodie soɔ no binom mpo a na wɔpɛ n’asɛm no soma bɛsrɛɛ no sɛ ɔmmfa ne ho nnto asiane mu nnkɔ adehwɛbea hɔ. 32 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ebinom team ka asɛm baako a, na afoforɔ nso aka foforɔ,+ na na badwa no mu ayɛ bagyabagya na wɔn mu dodoɔ no ara nnim deɛ enti a wɔabɛhyiam. 33 Enti wɔde Aleksandro firii nnipakuo no mu baeɛ, na Yudafoɔ no twee no baa animu, na Aleksandro nyam ne nsa pɛɛ sɛ ɔyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no. 34 Nanso berɛ a wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teateaam bɛyɛ sɛ nnɔnhwere mmienu sɛ: “Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!”+
35 Berɛ a afei kuro no twerɛfoɔ maa nnipa no yɛɛ komm+ no, ɔkaa sɛ: “Efeso mmarima, ɔdasani bɛn ara na ɔnnim sɛ Efesofoɔ kuro na ɛhwɛ Artemi ɔkɛseɛ no ne honi a ɛte firii soro baeɛ no asɔredan soɔ? 36 Ɛnneɛ ɛsiane sɛ obi ntumi nnye yei ho kyim nti, ɛfata sɛ moyɛ komm a momfa ahoperɛ nyɛ adeɛ.+ 37 Ɛfiri sɛ mmarima a mode wɔn aba yi nwiaa asɔredan mu nneɛma na wɔnkaa yɛn nyamebaa no ho abususɛm biara. 38 Enti sɛ Demetrio+ ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm a, nna a wɔdi asɛm+ wɔ hɔ na amradofoɔ+ nso wɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, ɔmfa mmra. 39 Nanso sɛ morehwehwɛ biribi a ɛsene saa a, badwa a ɛwɔ hɔ no na ɛsɛ sɛ ɛsi ho gyinaeɛ. 40 Ɛfiri sɛ anhwɛ a, deɛ asi nnɛ yi bɛma wɔabɔ yɛn soboɔ sɛ yɛyɛ amammɔfoɔ, berɛ a yɛnni biribiara a ɛbɛma yɛakyerɛkyerɛ deɛ enti a basabasayɛ yi kɔɔ soɔ no mu.” 41 Na ɔkaa yei no,+ ɔmaa badwa no tuiɛ.+