Habakuk
1 Atemmusɛm a odiyifoɔ Habakuk nyaa no anisoadehunu mu nie: 2 O Yehowa, mensu nkɔsi da bɛn na woate?+ Memfrɛ wo nkɔsi da bɛn na woagye me afiri amumuyɔsɛm mu?+ 3 Adɛn nti na woma mehunu adebɔne na wokɔ so hwɛ ɔhaw yi? Adɛn nti na adesɛeɛ ne amumuyɔsɛm wɔ m’anim, na adɛn nti na ɔham ne ntawntawdie abu soɔ yi?+
4 Yei nti mmara asensene na atɛntenenee mfiri adi.+ Na ɛsiane sɛ abɔnefoɔ atwa ateneneefoɔ ho ahyia nti, atɛntenenee bɛfiri adi no na akyea.+
5 “Monhwɛ amanaman no mu, na monhunu na montɛɛ mo anom nhwɛ mo ho,+ na mo ho nnwiri mo, ɛfiri sɛ obi reyɛ adwuma bi wɔ mo berɛ so, na sɛ wɔka kyerɛ mo mpo a, morennye nni.+ 6 Hwɛ, mɛma Kaldeafoɔ aba,+ ɔman a ne tirim yɛ den na n’ani so yɛ hyeɛ, na ɔbɛkɔ asase tɛtrɛɛ so akɔfa atenaeɛ a ɛnyɛ ne dea adi so.+ 7 Ɔyɛ ahunabɔbirim, na ne ho yɛ hu. N’atemmuo ne n’animuonyam firi ɔno ara.+ 8 N’apɔnkɔ ho yɛ hare sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu koraa sene anadwo mpataku.+ N’apɔnkɔ de wɔn nan pempem fam kimkim, na wɔfiri akyirikyiri reba. Wɔtu fãã sɛ ɔkɔdeɛ a ɔde ahoɔherɛ rekɔdidie.+ 9 Ɔman mũ no nyinaa di amumuyɔsɛm.+ Wɔn anim te sɛ apueeɛ mframa,+ na wɔboaboa nnommum ano te sɛ anwea. 10 Ɔdi ahemfo ho fɛ, na aberempɔn ho yɛ no sere.+ Ɔsere abandenden,+ ɔboaboa dɔteɛ ano, na ɔfa. 11 Saa berɛ no, ɔbɛtwam te sɛ mframa, na ɔbɛsene akɔdi fɔ.+ Ne tumi yi firi ne nyame.”+
12 O Yehowa, wonni hɔ firi tete anaa?+ Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wonwu.+ O Yehowa, wode asi hɔ ama atemmuo; Ɔbotan,+ wode atim hɔ ama ntɛnyie.+
13 W’ani yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ bɔne, na wontumi nhwɛ abusudeɛ.+ Na adɛn nti na wohwɛ nkontompofoɔ,+ na woyɛ komm ma ɔbɔnefoɔ mene deɛ ɔtene sene no yi?+ 14 Na adɛn nti koraa na woyɛ ɔdasani sɛ po mu mpataa, sɛ mmoa a wɔwea a wɔnni sodifoɔ biara yi?+ 15 Ɔde daawa ayi yeinom nyinaa;+ ɔtwe wɔn n’asau mu, na ɔboaboa wɔn ano n’atena+ mu. Ɛno nti n’ani gye na ɔdi ahurisie.+ 16 Enti ɔbɔ afɔdeɛ ma n’asau na ɔhye aduhwam ma n’atena, ɛfiri sɛ ɛma no nya aduane sɔkyee, aduane a ahoɔden wom.+ 17 Ɛno nti na ɔnya biribi firi n’asau mu anaa? Na ɛsɛ sɛ ɔkunkum amanaman daa a ɔrenhu mmɔbɔ anaa?+