15 “Hwɛ, mede ɔman bi firi akyirikyiri reba mo so,+ O Israel fie,” Yehowa asɛm nie. “Ɛyɛ ɔman a akyɛ,+ ɔman a ɛwɔ hɔ firi teteete; ɔman a monnim wɔn kasa, na monte deɛ wɔka no ase.
23 Babilonfoɔ+ ne Kaldeafoɔ+ nyinaa, ne Pekod+ ne Soa ne Koa mmarima, ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmarima ahoɔfɛfoɔ, amradofoɔ ne asoafoɔ nyinaa, akofofoɔ ne wɔn a wɔafrɛ wɔn, a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ.