37 “Ampa ara, m’akoma popo yei ho,+
Na ɛhurihuri firi baabi a ɛwɔ.
2 Monyɛ aso ntie ne nne mmobɔmu,+
Ne kurududu a ɛpue firi n’anom no.
3 Ɔgyaa mu wɔ ɔsoro nyinaa ase,
Na n’anyinam+ kɔduru asase ano nohoa.
4 Ɛno akyi na wɔte mmobɔmu kɛseɛ;
Ɔde ne kɛseyɛ+ nne kasa ma aprannaa bobom,+
Sɛ wɔte ne nne no nso a, ɛnsianka wɔn.+
5 Onyankopɔn ma ne nne+ so ma aprannaa bobom anwanwakwan so,
Na ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a yɛntumi nte aseɛ.+
6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’+
Na ɔka saa kyerɛ osuo, ɔno ara ne nsutɔ kɛseɛ no.+
7 Ɔkyekyere ɔdasani biara nsa,
Na ɛma onipa dasani biara hunu ne nsa ano adwuma.
8 Afei wuram mmoa kɔtɛ,
Na wɔkɔ wɔn ahuntaeɛ.+
9 Mframa bɔ firi deɛ ɛfiri ba,+
Na atifi mframa ma awɔ ba.+
10 Onyankopɔn home na ɛma nsukyeneeɛ,+
Na ɛka nsuo hyɛ.+
11 Nsuo na ɔde soa mununkum,
Ne hann+ hwete mununkum,
12 Ɛdanedane sɛdeɛ ɔkyerɛ no kwan, na ɛyɛ ne nnwuma
Wɔ baabiara a ɔhyɛ+ no wɔ asase so.
13 Sɛ ɔde yɛ abaa+ oo, ɔde yɛ n’asase yie+ oo,
Sɛ adɔeɛ+ oo, ɔma ɛdi dwuma bi.
14 O Hiob, yɛ aso tie yei;
Gyina hɔ komm, na dwendwene Onyankopɔn anwanwadwuma ho.+
15 Wonim berɛ a Onyankopɔn de wɔn nnwuma hyehyɛɛ wɔn nsa?+
Na wonim berɛ a ɔmaa ne mununkum mu hann hyerɛneeɛ?
16 Wonim sɛdeɛ mununkum sɛnee hɔ,+
Deɛ awie pɛyɛ wɔ nimdeɛ mu no anwanwadwuma no?+
17 Wonim sɛdeɛ wo ntadeɛ mu yɛ hyeɛ
Berɛ a asase so yɛ dinn firi anafoɔ fam no?+
18 Wobɛtumi ne no atrɛ ɔsoro mu+
Sɛdeɛ wɔboro agudeɛ denden de yɛ ahwehwɛ no?
19 Ma yɛnhunu deɛ ɛfata sɛ yɛka kyerɛ no;
Esum nti, yɛrennya nsɛm nka.
20 Mɛtumi aka akyerɛ no sɛ mewɔ asɛm ka anaa?
Anaasɛ onipa bi aka biribi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no amanneɛ?+
21 Nnipa deɛ, wɔnhunu hann;
Gye sɛ ewiem hyerɛn,
Berɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ no.
22 Atifi fam na sika fɛfɛ firi ba.
Onyankopɔn animuonyam+ yɛ hu.
23 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no deɛ, yɛnnya nhunuu no yie;+
Ne tumi korɔn,+
Na atɛntenenee+ ne adetenenee+ dodoɔ deɛ, ɔremmu no ade ketewa.+
24 Ɛno nti, momma nnipa nsuro no.+
Ɔmmu onipa biara a ɔyɛ onyansafoɔ ɔno ara n’akomam.”+