Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 27
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma 27:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:12

Asomafoɔ Nnwuma 27:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 19:29; 20:4; Kol 4:10

Asomafoɔ Nnwuma 27:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 19:22; Aso 28:16
  • +Aso 24:23

Asomafoɔ Nnwuma 27:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 28:11

Asomafoɔ Nnwuma 27:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 16:29; 23:27

Asomafoɔ Nnwuma 27:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:21

Asomafoɔ Nnwuma 27:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 4:37

Asomafoɔ Nnwuma 27:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:32

Asomafoɔ Nnwuma 27:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yon 1:5

Asomafoɔ Nnwuma 27:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yon 1:13

Asomafoɔ Nnwuma 27:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yon 1:9
  • +Aso 27:10

Asomafoɔ Nnwuma 27:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 1:9; 2Ti 1:3; Heb 12:28
  • +Da 6:16; Aso 5:19; 23:11; Heb 1:14

Asomafoɔ Nnwuma 27:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:11; 25:11

Asomafoɔ Nnwuma 27:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 23:19; Ro 4:21; Tit 1:2

Asomafoɔ Nnwuma 27:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 28:1

Asomafoɔ Nnwuma 27:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:22

Asomafoɔ Nnwuma 27:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:16

Asomafoɔ Nnwuma 27:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 14:45; 2Sa 14:11; Mt 10:30; Lu 12:7

Asomafoɔ Nnwuma 27:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 15:36; Mr 8:6; Yoh 6:11; Ro 14:6; 1Ti 4:4

Asomafoɔ Nnwuma 27:38

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yon 1:5

Asomafoɔ Nnwuma 27:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 28:1

Asomafoɔ Nnwuma 27:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:22; 2Ko 11:25

Asomafoɔ Nnwuma 27:44

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:24

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 27:1Aso 25:12
Aso. 27:2Aso 19:29; 20:4; Kol 4:10
Aso. 27:3Mme 19:22; Aso 28:16
Aso. 27:3Aso 24:23
Aso. 27:6Aso 28:11
Aso. 27:9Le 16:29; 23:27
Aso. 27:10Aso 27:21
Aso. 27:14Mr 4:37
Aso. 27:16Aso 27:32
Aso. 27:18Yon 1:5
Aso. 27:20Yon 1:13
Aso. 27:21Yon 1:9
Aso. 27:21Aso 27:10
Aso. 27:23Ro 1:9; 2Ti 1:3; Heb 12:28
Aso. 27:23Da 6:16; Aso 5:19; 23:11; Heb 1:14
Aso. 27:24Aso 23:11; 25:11
Aso. 27:25Nu 23:19; Ro 4:21; Tit 1:2
Aso. 27:26Aso 28:1
Aso. 27:31Aso 27:22
Aso. 27:32Aso 27:16
Aso. 27:341Sa 14:45; 2Sa 14:11; Mt 10:30; Lu 12:7
Aso. 27:35Mt 15:36; Mr 8:6; Yoh 6:11; Ro 14:6; 1Ti 4:4
Aso. 27:38Yon 1:5
Aso. 27:39Aso 28:1
Aso. 27:41Aso 27:22; 2Ko 11:25
Aso. 27:44Aso 27:24
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 27:1-44

Asomafoɔ Nnwuma

27 Afei berɛ a wɔsii gyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia+ no, wɔde Paulo ne nneduafoɔ foforɔ hyɛɛ ɔsraani panin bi a wɔfrɛ no Yulio a ɔfiri Augusto asraafoɔkuo mu no nsa. 2 Berɛ a yɛkɔforoo hyɛn bi a ɛfiri Adramitio rebɛsene akɔ mmeaeɛ a ɛwowɔ Asia mantam mu no, yɛsii kwan so a na Aristarko+ a ɔyɛ Makedoniani a ɔfiri Tesalonika no ka yɛn ho. 3 Adeɛ kyeeɛ no, yɛgyinaa Sidon, na Yulio yii yɔnkodɔ+ adi kyerɛɛ Paulo maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.+

4 Na berɛ a yɛfiri hɔ faa nsuo soɔ no, yɛde yɛn ani kyerɛɛ baabi a ɛbɛma Kipro agye yɛn afiri mframa ano, ɛfiri sɛ na mframa no rebɔ hyia yɛn; 5 na yɛnam po so faa Kilikia ne Pamfilia kɔgyinaa Mira a ɛwɔ Likia. 6 Na ɔsraani panin no hunuu hyɛn bi a na ɛfiri Aleksandria+ rekɔ Italia, na ɔmaa yɛforoeɛ. 7 Afei, berɛ a nkakrankakra yɛbrɛ de nna pii duruu Knido no, yɛde yɛn ani kyerɛɛ baabi a ɛbɛma Kreta a ɛwɔ Salmone agye yɛn afiri mframa ano, ɛfiri sɛ na mframa no si yɛn kwan, 8 na yɛde animia twaam hɔ bɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn-Agyinaeɛ Pa, a Lasea kuro no bɛn hɔ no.

9 Ná yɛakyɛ, na na ɛyɛ hu sɛ yɛbɛtoa akwantuo no so, ɛfiri sɛ na mpata da+ mmuadadie berɛ no mpo atwam; enti Paulo de nyansahyɛ maeɛ, 10 ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, metumi hunu sɛ ɛpo so akwantuo yi bɛtumi akɔwie adesɛeɛ ne adehwereɛ kɛseɛ mu; ɛnyɛ hyɛn no ne emu nneɛma nko na ɛho bɛka, na mmom yɛn akra nso.”+ 11 Nanso, ɔsraani panin no tiee ɔhyɛnkafoɔ ne hyɛn wura no mmom senee deɛ Paulo kaeɛ no. 12 Afei ɛsiane sɛ na hyɛn gyinabea hɔ nyɛ mma awɔ berɛ nti, nnipa dodoɔ no ara kaa sɛ yɛmfiri hɔ nhwɛ sɛ yɛbɛtumi akɔduru Foinise, Kreta hyɛn gyinabea a ɛhwɛ atifi fam apueeɛ ne anafoɔ fam apueeɛ no, akɔdi awɔ berɛ no wɔ hɔ anaa.

13 Na berɛ a anafoɔ fam mframa no bɔɔ brɛoo no, ɛyɛɛ wɔn sɛ deɛ wɔatumi ayɛ deɛ wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no ara, enti wɔtuu sɛkyɛ no de wɔn ani kyerɛɛ Kreta mpoano. 14 Nanso ankyɛ na mframa+ kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Eurakilo bɔɔ dendeenden. 15 Na berɛ a ɛyeree hyɛn no dendeenden na antumi annyina mframa no ano no, yɛgyaa mu maa no de yɛn kɔeɛ. 16 Afei yɛde yɛn ani kyerɛɛ baabi a ɛbɛma supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Kauda agye yɛn afiri mframa ano, nanso yɛbrɛɛ mu ansa na yɛn nsa reka hyɛmma+ ketewa no. 17 Na berɛ a wɔmaa so baa soro no, wɔfirii aseɛ de nneɛma kyekyeree hyɛn no; na ɛsiane sɛ na wɔsuro sɛ ɛbɛkɔ akɔhwe Sirti anweatam soɔ nti, wɔhwan hyɛndua no maa no twee yɛn kɔeɛ. 18 Nanso ɛsiane sɛ na mframa a ano yɛ den no retoto yɛn dendeenden nti, adeɛ kyeeɛ no, wɔfirii aseɛ yiyii hyɛn no mu nneɛma no bi to guiɛ;+ 19 na ne nnansa soɔ no, wɔde wɔn nsa yiyii hyɛn no ho nneɛma to guiɛ.

20 Afei, berɛ a awia ne nsoromma ampue nna bebree, na mframa+ a ano yɛ den bɔɔ yɛn no, anidasoɔ a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛnya nkwa nyinaa firii aseɛ yeraeɛ. 21 Berɛ a aduane nkaa wɔn ano berɛ tenten no, afei Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini+ kaa sɛ: “Mmarima, nokwasɛm nie, ɛsɛ sɛ anka motie m’afotuo no na yɛansi nsuo ani amfiri Kreta ammɛhyia asiane ne adehwereɛ a ɛte sei.+ 22 Ne nyinaa akyi no, mereka akyerɛ mo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ mo mu ɔkra baako mpo renyera, gye hyɛn no nko ara. 23 Anadwo yi Onyankopɔn a meyɛ ne dea a mesom+ no no bɔfoɔ+ bɛgyinaa me nkyɛn 24 kaa sɛ, ‘Paulo, nsuro. Ɛtwa sɛ wogyina Kaesare+ anim, na hwɛ! Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo te hyɛn yi mu nyinaa ama wo kwa.’ 25 Enti mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam; na mewɔ Onyankopɔn mu gyidie+ sɛ ɛbɛba mu pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ wɔaka akyerɛ me no. 26 Nanso yɛbɛkɔ akɔgu supɔ bi so.”+

27 Afei ɛduruu anadwo a ɛtɔ so dunan a na yɛredi akɔneaba wɔ Adria po so dasuom no, hyɛn mu adwumayɛfoɔ no tee nka sɛ wɔrebɛn asase bi. 28 Na wɔtoo susuhoma no kɔɔ nsuo no ase na wɔhunuu sɛ ɛyɛ abasam aduonu; enti wɔkɔɔ kakra na wɔsusuu bio hunuu sɛ ɛyɛ abasam dunum. 29 Na ɛsiane sɛ na wɔsuro sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan soɔ nti, wɔtoo asɛkyɛ nnan firii hyɛn no akyi, na afei wɔn yam a na anka adeɛ akye. 30 Nanso berɛ a hyɛn no mu adwumayɛfoɔ firii aseɛ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛdwane afiri hyɛn no mu no, wɔhyɛɛ da gyaa kodoɔ ketewa no mu sii po so na ɛyɛɛ sɛ deɛ asɛkyɛ no mmom na wɔpɛ sɛ wɔto firi hyɛn no anim gu nsuo no mu, 31 enti Paulo ka kyerɛɛ ɔsraani panin ne asraafoɔ no sɛ: “Sɛ mmarima yi antena hyɛn yi mu a, montumi nnya nkwa.”+ 32 Ɛnna asraafoɔ no twaa homa a ɛkura hyɛmma+ no mu maa no kɔeɛ.

33 Afei adeɛ reyɛ akye no, Paulo hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnnidi, na ɔkaa sɛ: “Dadu nnanan nie a moakɔ so awɛn adi mmuada a momfaa aduane nkaa mo ano. 34 Mo akwahosan nti, mesrɛ mo monnidi; ɛfiri sɛ mo mu biara nni hɔ a ne tiri nwi+ baako mpo bɛyera.” 35 Berɛ a ɔkaa yei no, ɔno nso faa paanoo daa Onyankopɔn ase+ wɔn nyinaa anim na ɔbubu firii aseɛ diiɛ. 36 Enti wɔn nyinaa ani gyeeɛ na wɔn nso firii aseɛ didiiɛ. 37 Sɛ wɔka yɛn nyinaa bom a, na akra a yɛwɔ hyɛn no mu yɛ ahanu aduɔson nsia. 38 Berɛ a wɔdidi meeɛ no, wɔfirii aseɛ totoo ayuo a ɛwɔ hyɛn no mu guu po mu sɛdeɛ emu bɛyɛ hare.+

39 Afei berɛ a adeɛ kyeeɛ no, na wɔnhunu asase no na mmom wɔhunu faka bi a ɛda mpoano, na wɔsii wɔn bo sɛ sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔde hyɛn no bɛkɔ hɔ.+ 40 Enti wɔtwitwaa asɛkyɛ no maa no guu po mu, na berɛ korɔ no ara wɔsanesanee akyerɛkyerɛkwan homa no, na wɔmaa hyɛn no anim mframatoma no so hwɛɛ mframa no maa wɔkɔduruu mpoano. 41 Berɛ a wɔkɔgyinaa anweatam bi a ɛda po mfimfini soɔ no, hyɛn no anim kɔtimiiɛ na ɛkaa hɔ, na hyɛn no akyi bubuu asinasini.+ 42 Afei asraafoɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkunkum nneduafoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara ntumi nnware nnwane nkɔ. 43 Nanso na ɔsraani panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa, enti wamma wɔn kwan wɔ deɛ wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no ho. Na ɔhyɛɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ no sɛ wɔnto wɔn ho ngu po no mu nni kan nkɔ asase so 44 na wɔn a aka no mmutubutu ntaaboɔ so ne hyɛn no mu nneɛma bi so. Na saa na ɛyɛeɛ a wɔn nyinaa duruu asase so dwoodwoo.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane