Hagai
1 Ɔhene Dario+ afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, Yehowa nam odiyifoɔ Hagai+ so ka kyerɛɛ Sealtiel+ ba Serubabel+ a ɔyɛ Yuda amrado,+ ne Yehosadak+ ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin no sɛ:
2 “Deɛ Asafo Yehowa+ aka nie, ‘Ɔman yi ka sɛ: “Berɛ nsoeɛ, berɛ nsoo sɛ wɔsi Yehowa fie no.”’”+
3 Na Yehowa nam odiyifoɔ Hagai so kaa sɛ: 4 “Mo deɛ, berɛ yi yɛ ma mo sɛ motena adan a wɔadi mu adwini+ mu berɛ a efie yi resɛeɛ?+ 5 Enti deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Monhwɛ mo akwan yie.+ 6 Modua aba pii, nanso monya kakraa bi.+ Modidi, nanso mommee.+ Monom, nanso mommo. Mofira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye; na kotokuo a aseɛ atutuo mu na ɔpaani sika guo.’”+
7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Monhwɛ mo akwan yie.’+
8 “‘Monkɔ bepɔ so nkɔhwehwɛ nnua+ mmɛsi fie no+ na m’akoma ntɔ me yam+ na m’anim mmra nyam,’+ Yehowa na aka.”
9 “‘Mohwɛɛ nneɛma pii kwan, nanso kakraa bi na mo nsa kaeɛ;+ na mode baa fie no, mehu guiɛ.+ Ɛdeɛn ntira?’+ asafo Yehowa asɛm nie. ‘Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ me fie resɛe, nanso mo deɛ, obiara de mmirika kɔhwɛ ne fie.+ 10 Yei nti ɔsoro de ne bosuo kamee mo, na asase nso de ne nnɔbaeɛ kamee mo.+ 11 Na mefrɛɛ ɔpɛ fitaa baa asase ne mmepɔ so, ayuo ne nsã foforɔ+ ne ngo so, asase so nneɛma ne ɔdasani so, afieboa ne nsa ano adwuma nyinaa so.’”+
12 Na Sealtiel ba Serubabel,+ ne Yehosadak+ ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panin, ne ɔmanfoɔ a aka no nyinaa tiee Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne odiyifoɔ Hagai+ nsɛm, ɛfiri sɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn na ɔsomaa no; na Yehowa nti, nkurɔfoɔ no suroeɛ.+
13 Na Yehowa somafoɔ+ Hagai de asɛm a Yehowa de asoma no+ no too ɔman no anim sɛ: “‘Meka mo ho,’+ Yehowa asɛm nie.”
14 Afei Yehowa kanyan Sealtiel ba Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin, ne ɔmanfoɔ a aka no nyinaa honhom,+ na wɔba bɛyɛɛ adwuma wɔ asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn fie.+ 15 Ná ɛyɛ ɔhene Dario+ afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu nnan.