Efesofoɔ
4 Enti me a meyɛ deduani+ wɔ Awurade mu no srɛ mo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata+ ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo+ no, 2 ahobrɛaseɛ adwene+ ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛreɛ+ mu, na mo ne mo ho ntena ɔdɔ+ mu, 3 na monyere mo ho dendeenden mfa asomdwoeɛ koroyɛ homa ntena ase honhom baakoyɛ mu.+ 4 Nipadua baako+ na ɛwɔ hɔ ne honhom baako,+ sɛdeɛ wɔafrɛ mo anidasoɔ baako mu+ no; 5 Awurade baako,+ gyidie baako,+ asubɔ baako;+ 6 Onyankopɔn baako+ ne obiara Agya a ɔdi obiara so na ɔfa obiara so na ɔwɔ obiara mu no.
7 Na wadom+ yɛn mu biara sɛdeɛ Kristo asusu akyɛdeɛ+ no de ama yɛn. 8 Enti ɔka sɛ: “Berɛ a ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum kɔeɛ; ɔde nnipa maeɛ sɛ akyɛdeɛ.”+ 9 Sɛ ɔka sɛ ‘ɔforo kɔeɛ’+ a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛnyɛ deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔsiane baa fam nso, kyerɛ sɛ, asase so?+ 10 Deɛ ɔsianeeɛ no, ɔno ara ne deɛ ɔforo+ kɔɔ baabi a ɛboro ɔsoro+ nyinaa soɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ nneɛma nyinaa mã.+
11 Na ɔde ebinom ama sɛ asomafoɔ,+ ebinom adiyifoɔ,+ ebinom asɛmpakafoɔ,+ ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,+ 12 na wɔde atenetene+ akronkronfoɔ no ama ɔsom adwuma no, na wɔde asi Kristo nipadua+ no, 13 akɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ baako wɔ gyidie ne Onyankopɔn Ba no ho nokorɛ nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyini awie+ adi mũ sɛdeɛ Kristo a ɔne susudeɛ a ɛyɛ pɛ no teɛ;+ 14 na yɛankɔ so anyɛ nkɔkoaa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn+ biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn di akɔneaba+ wɔ nnipa nnaadaa+ ne nnɛɛdɛɛ ne bradɛtoɔ so. 15 Mmom no momma yɛnka nokorɛ+ mfa ɔdɔ so nnyini+ wɔ nneɛma nyinaa mu nkɔ Kristo a ɔne tire+ no mu. 16 Ne mu na nipadua+ no nyinaa akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma bom ma kwaa biara de deɛ ɛhia ma, sɛdeɛ kwaa biara dwumadie teɛ, na ama nipadua no anyini ayɛ den ɔdɔ mu.+
17 Enti meka yei na medi ho adanseɛ Awurade mu sɛ monnnante sɛdeɛ amanaman no nante+ wɔn adwenhunu mu+ no bio, 18 na wɔn adwene aduru sum,+ na wɔyɛ Onyankopɔn nkwa ho ananafoɔ,+ ɛfiri sɛ wɔnni nimdeɛ+ na wɔn akoma apirim.+ 19 Ɛsiane sɛ wɔatoto wɔn ani aweɛ+ nti, wɔde wɔn ho maa ahohwibra+ yɛɛ afĩdeɛ+ nyinaa bi anibereɛ so.+
20 Nanso moansua sɛ Kristo te saa,+ 21 ɛfiri sɛ ampa ara, motee ne nsɛm, na wɔnam ne so kyerɛkyerɛɛ mo+ sɛdeɛ nokorɛ+ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ, 22 sɛ monyi nipasu dada+ a ɛne mo kane abrabɔ no hyia, a ɛresɛe+ wɔ ne nnaadaa akɔnnɔ+ mu no ngu; 23 mmom no, momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforɔ wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu,+ 24 na monhyɛ+ nipasu foforɔ+ a wɔbɔɔ no+ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ wɔ nokorɛ tenenee+ ne nokorɛdie pintinn mu no.
25 Enti afei a moayi nkontompo+ aguo yi, mo mu biara nka nokorɛ nkyerɛ ne yɔnko,+ ɛfiri sɛ yɛyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.+ 26 Mo bo mfu, nanso monnyɛ bɔne;+ mommma awia nnkɔtɔ mo so mo abufuo mu,+ 27 na mommma Ɔbonsam kwan+ nso. 28 Mma ɔkorɔmfoɔ nnwia adeɛ bio,+ na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa,+ na ama wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ahia no.+ 29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.+ 30 Bio nso, monnho Nyankopɔn honhom kronkron a wɔde asɔ mo ano+ ama da a wɔnam agyedeɛ so bɛgye mo+ no werɛ.+
31 Momma wɔnyi menasepɔ+ nyinaa ne abufuo ne bobɔne ne nkekamu ne kasatia+ mfiri mo mu, ɛne adebɔne biara.+ 32 Mmom no, mo ne mo ho nni no ayamyɛ+ ne ayamhyehyeɛ+ so, na momfiri mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.