Numeri
34 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Morekɔ Kanaan asase so.+ Asase yi na ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ,+ Kanaan ne n’ahyeɛ+ nyinaa.
3 “‘Anafoɔ fam hyeɛ no bɛfa Sina serɛ so wɔ Edom+ ho akɔsi Nkyene Po+ no ano wɔ apueeɛ fam. 4 Na ɛhyeɛ no bɛdane afiri Akrabim+ anafoɔ akɔfa Sina na ɛnam hɔ akɔ Kades-Barnea+ anafoɔ. Ɛbɛfiri hɔ akɔfa Hasar-Ada+ akɔ Asmon. 5 Na ɛhyeɛ no bɛdane afiri Asmon akɔfa Egypt subɔn+ no ho akɔ Po Kɛseɛ+ no ano.
6 “‘Atɔeɛ fam hyeɛ+ ne Po Kɛseɛ no, mpoano hɔ. Yei bɛyɛ mo hyeɛ wɔ atɔeɛ fam.
7 “‘Atifi fam hyeɛ no nie: Monsusu mfiri Po Kɛseɛ no ano nkɔsi Bepɔ Hor+ ho. 8 Afei momfa mfiri Bepɔ Hor ho nkɔ Hamat,+ na monsusu mfiri hɔ nkɔ Sedad.+ 9 Na ɛhyeɛ no bɛtoa so afiri Sifron akɔsi Hasar-Enan.+ Yei bɛyɛ mo hyeɛ wɔ atifi fam.
10 “‘Afei apueeɛ fam hyeɛ no nso, monsusu mfiri Hasar-Enan nkɔsi Sefam. 11 Momfa mfiri Sefam nkɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ, na ɛmfiri hɔ nkɔ Kineret+ po no ho wɔ apueeɛ fam. 12 Na ɛhyeɛ no ntoa so nkɔ Yordan nkɔsi Nkyene Po+ no ho. Yei ne mo asase+ no ahyeɛ nyinaa.’”
13 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Yei ne asase a mobɛbɔ ntonto de akyɛ+ no. Saa na Yehowa ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua nkron ne fã no.+ 14 Ruben asefoɔ mmusua ne Gad asefoɔ mmusua ne Manase abusuakuo fã no deɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ dada.+ 15 Mmusua mmienu ne fã yi anya wɔn agyapadeɛ dada wɔ Yordan ho wɔ Yeriko apueeɛ fam.”+
16 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Mmarima a wɔbɛkyɛ asase no ama mo no din nie: Ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne Nun+ ba Yosua. 18 Afei monyi ɔpanin baako mfiri abusuakuo biara mu mma wɔnkyɛ asase no.+ 19 Mmarima no din nie: Yuda abusuakuo,+ Yefune+ ba Kaleb; 20 Simeon abusuakuo,+ Amihud ba Semuel; 21 Benyamin abusuakuo,+ Kislon ba Elidad; 22 Dan abusuakuo+ mu no, ɔpanin a wɔyii no ne Yogli ba Buki; 23 Yosef mma+ mu no, ɔpanin a wɔyii no firii Manase abusuakuo+ mu ne Efod ba Haniel; 24 Efraim abusuakuo+ mu no, ɔpanin a wɔyii no ne Siftan ba Kemuel; 25 Sebulon abusuakuo+ mu no, ɔpanin a wɔyii no ne Parnak ba Elisafan; 26 Isakar abusuakuo+ mu no, ɔpanin a wɔyii no ne Asan ba Paltiel; 27 Aser abusuakuo+ mu no, ɔpanin a wɔyii no ne Selomi ba Ahihud; 28 Naftali abusuakuo+ mu no, ɔpanin a wɔyii no ne Amihud ba Pedahel.” 29 Yeinom na Yehowa hyɛɛ sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase no mma Israelfoɔ.+