Numeri 26:55 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 55 Wɔmmɔ ntonto+ mfa nkyɛ asase no. Wɔbɛhwɛ nnipa dodoɔ a wɔwɔ abusua biara mu akyɛ agyapadeɛ no. Numeri 33:54 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 54 Mommɔ ntonto+ nkyɛ asase no mma mmusua mmusua+ no. Momma wɔn a wɔdɔɔso no nnya kɛse, na wɔn a wɔsua no, monte wɔn deɛ so.+ Deɛ ntonto no bɛkyerɛ no, ɛno na ɛbɛyɛ abusua biara deɛ.+ Monnye asase no sɛdeɛ mo agyanom abusuakuo teɛ.+ Yosua 14:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wɔbɔɔ ntonto de kyɛɛ asase no+ maa mmusua nkron ne fã no, sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka no.+ Yosua 18:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Monkyekyɛ asase no mu nson, na montwerɛ ho nsɛm mmrɛ me, na mɛbɔ ntonto+ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo. Mmebusɛm 16:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Onipa srɛ so na wɔtwe ntonto,+ nanso deɛ ɛfiri mu ba biara firi Yehowa.+
54 Mommɔ ntonto+ nkyɛ asase no mma mmusua mmusua+ no. Momma wɔn a wɔdɔɔso no nnya kɛse, na wɔn a wɔsua no, monte wɔn deɛ so.+ Deɛ ntonto no bɛkyerɛ no, ɛno na ɛbɛyɛ abusua biara deɛ.+ Monnye asase no sɛdeɛ mo agyanom abusuakuo teɛ.+
6 Monkyekyɛ asase no mu nson, na montwerɛ ho nsɛm mmrɛ me, na mɛbɔ ntonto+ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo.