Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. “Nsɛe me.” Dawid dwom. Miktam; berɛ a Saul nti ɔdwane kɔhyɛɛ ɔbodan mu no.+
57 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,+
Na wo na me kra adwane abɛtoa woɔ;+
Wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwankɔbea kɔsi sɛ amanehunu yi bɛtwam.+
2 Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na mefrɛ no, nokorɛ Nyankopɔn no, deɛ me nti ɔde amanehunu no bɛba awieeɛ no.+
3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me.+
Ɔbɛma deɛ ɔrepɛ me amene me no adwene atu afra.+ Sela.
Onyankopɔn bɛsoma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ.+
4 Me kra da agyata mu;+
Wɔn a wɔmene me, nnipa mma mu na meda,
Wɔn sẽ te sɛ mpea ne agyan,+
Na wɔn kɛtrɛma te sɛ nkrantɛ nnamnam.+
5 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;+
Ma w’animuonyam ntra asase nyinaa.+
6 Wɔde asau asum m’anammɔn fidie;+
Me kra aboto.+
Wɔatu amena m’anim;
Wɔn ara wɔakɔtɔ mu.+ Sela.
7 M’akoma atim, O Onyankopɔn,+
M’akoma atim.
Mɛto ayeyi dwom.+
8 M’animuonyam, nyane ɛ;+
Sankuo, nyane ɛ; sankuten, wo nso nyane.+
Na mɛnyane anɔpahema.
9 O Yehowa, mɛkamfo wo amanaman mu;+
Mɛto ayeyi dwom ama wo, aman nyinaa mu.+
10 Ɛfiri sɛ w’adɔeɛ sõ kɔduru soro,+
Na wo nokorɛ kɔduru mununkum mu.+
11 O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;+
Ma w’animuonyam ntra asase nyinaa.