Dwom 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Monto dwom mma Yehowa a ɔte Sion+ no;Monka ne nnwuma ho asɛm amanaman mu.+ Dwom 138:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 138 Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo wo.+Mɛto dwom ama wo, anyame foforɔ anim.+ Dwom 145:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na ama nnipa mma ahunu wo nnwuma akɛseɛ+Ne w’ahennie animuonyam hyerɛn.+