2 Berɛsosɛm
26 Ɛnna Yuda man+ no nyinaa faa Usia*+ a na wadi mfeɛ dunsia no, na wɔsii+ no hene maa no dii ne papa Amasia+ adeɛ. 2 Ɔno na ɔkyekyeree Elot+ na ɔsan de maa Yuda berɛ a ɔhene no ne n’agyanom kɔdaeɛ no.+ 3 Usia+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfeɛ aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yekolia,+ na ɔfiri Yerusalem. 4 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne papa Amasia yɛeɛ no ara.+ 5 Na ɔkɔɔ so hwehwɛɛ+ Onyankopɔn berɛ a Sakaria a ɔkyerɛɛ no nokorɛ Nyankopɔn suro te aseɛ no;+ nna a ɔhwehwɛɛ Yehowa no nyinaa, nokorɛ Nyankopɔn maa no sii no yie.+
6 Na ɔfirii adi ne Filistifoɔ+ kɔkoeɛ, na ɔbuu Gat+ fasuo ne Yabne+ fasuo ne Asdod+ fasuo guu mu. Ɛno akyi no, ɔkyekyeree nkuro wɔ Asdod+ asase so ne Filistifoɔ mu. 7 Nokorɛ Nyankopɔn boaa+ no tiaa Filistifoɔ ne Arabiafoɔ+ a wɔtete Gurbaal ne Meunimfoɔ+ no. 8 Na Ammonfoɔ+ firii aseɛ tuaa toɔ+ maa Usia. Ne din+ kɔɔ akyirikyiri kɔduruu Egypt mpo, ɛfiri sɛ ɔnyaa ahoɔden boroo so. 9 Bio nso, Usia totoo abantenten+ wɔ Ntwea Pono+ ne Ɛbɔn Pono+ no ho ne Ahyiaeɛso hɔ wɔ Yerusalem, na ɔhyehyɛɛ no den. 10 Afei nso ɔtotoo abantenten+ wɔ serɛ so, na ɔtutuu mmura pii (ɛfiri sɛ na ɔwɔ nyɛmmoa bebree pa), na ɔyeyɛɛ bi nso wɔ Sefela+ ne asase tratraa so. Ná ɔwɔ akuafoɔ ne bobeturo so ahwɛfoɔ wɔ mmepɔ so ne Karmel, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kuadwuma.
11 Usia nyaa asraafoɔ akuakuo a wɔkɔ ɔsa,+ na wɔn a wɔkan asraafoɔ no twerɛtwerɛ wɔn din+ ne ɔtwerɛfoɔ+ Yeiel ne ɔpanin Maaseia a ɔhyɛ+ Hanania, ɔhene mpanimfoɔ+ so otitire ase no. 12 Agyanom abusuafie+ mpanimfoɔ a wɔwɔ mmarima akokoɔdurofoɔ+ a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa dodoɔ yɛ mpem mmienu ahansia. 13 Dɔm a wɔhyɛ wɔn ase yɛ mpem ahasa ne nson ne ahanum, wɔyɛ nnɔmmarima a wɔboa ɔhene ko tia n’atamfo.+ 14 Na Usia yɛɛ akyɛm+ ne mpea+ ne nnadeɛ kyɛ+ ne akotadeɛ+ ne agyan+ ne akoraboɔ+ maa asraafoɔ no nyinaa. 15 Afei ɔmaa mfidiyɛfoɔ yeyɛɛ mfidie a wɔde to akodeɛ wɔ Yerusalem, na wɔde sisii abantenten+ so ne ntwea so, sɛ wɔmfa nto agyan ne aboɔ akɛseɛ. Ɛno nti ne din+ kɔɔ akyirikyiri, na wɔboaa no pii kɔsii sɛ ɔyɛɛ den.
16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, n’akoma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛeɛ mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokorɛ, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhye aduhwam wɔ aduhwam afɔrebukyia no so.+ 17 Ɛhɔ ara na ɔsɔfoɔ Asaria ne Yehowa asɔfoɔ a wɔka ne ho, mmarima akokoɔdurofoɔ aduɔwɔtwe, baa ne soɔ. 18 Ɛnna wɔsɔre gyinaeɛ, na wɔka kyerɛɛ Ɔhene Usia+ sɛ: “Usia, ɛnyɛ w’adwuma+ sɛ wobɛhye aduhwam ama Yehowa; Aaron+ mma asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron no na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ wɔhye aduhwam. Firi kronkronbea ha kɔ, na woafom; yei nyɛ animuonyam+ bi mma wo wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.”
19 Nanso Usia bo fuiɛ.+ Saa berɛ no na ɔkura aduhwamhyeɛ adeɛ+ no, na berɛ a ɔfaa asɔfoɔ no ho abufuo no, kwata+ fifirii ne moma so prɛko pɛ,+ asɔfoɔ no anim wɔ aduhwam afɔrebukyia no nkyɛn, Yehowa fie hɔ. 20 Berɛ a ɔsɔfo panin Asaria ne asɔfoɔ no nyinaa twaa wɔn ani hwɛɛ no no, hwɛ, kwata na afifiri ne moma soɔ yi!+ Enti wɔyɛɛ ntɛm piapiaa no firii hɔ, na ɔno nso de ahoɔherɛ firii adi, ɛfiri sɛ na Yehowa abɔ no.+
21 Na Ɔhene Usia+ yaree kwata kɔsii ne wuda; ɔkɔtenaa fie bi mu, na wanyɛ adwuma bio, ne kwata+ no nti; wɔsii no Yehowa fie korɔ kwan, na ne ba Yotam na ɔhwɛɛ ahemfie no soɔ, na ɔno na ɔbuu ɔman no mu nnipa atɛn.
22 Usia ho nsɛm a aka,+ ne mfitiaseɛ kɔsi n’awieeɛ no, Amus+ ba odiyifoɔ Yesaia+ atwerɛ ato hɔ. 23 Na Usia ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, nanso ahemfo asieeɛ asase no so baabi na wɔsiee no,+ ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ kwatani.” Na ne ba Yotam+ bɛdii n’adeɛ.