40 Ɛbɛyɛɛ nkaeɛ adeɛ maa Israelfoɔ sɛ ɛnsɛ sɛ onipahunu biara+ a ɔmfiri Aaron abusua mu hye aduhwam Yehowa anim.+ Afei nso na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne ne badwa no,+ sɛdeɛ Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ nyɛ mo asɔfodwuma no pɛpɛɛpɛ, afɔrebukyia no ne deɛ ɛwɔ ntwamutam+ no akyi no ho biribiara. Na monsom+ wɔ hɔ. Mede asɔfodie adwuma no ama mo sɛ akyɛdeɛ, na onipahunu a ɔbɛbɛn ho no, wɔnku no.”+