Marko
15 Na ahemadakye no ara na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, ne Sanhedrin no nyinaa tuu agyina,+ na wɔguu Yesu mpokyerɛ de no kɔmaa Pilato.+ 2 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ hene+ no anaa?” Na ɔbuaa no kaa sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 3 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no firii aseɛ kaa nsɛm bebree guu ne so.+ 4 Afei Pilato firii aseɛ bisabisaa no nsɛm bio sɛ: “Wonni anoyie biara a wode bɛma?+ Hwɛ sɛdeɛ wɔreka nsɛm bebree gu wo soɔ.”+ 5 Nanso Yesu amma no mmuaeɛ biara bio, na ɛyɛɛ Pilato nwanwa.+
6 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ɛduru afahyɛ biara a na ɔtaa gyaa deduani baako a wɔsrɛ sɛ ɔnnyaa no no ma wɔn.+ 7 Saa berɛ no na obi a wɔfrɛ no Baraba ne amammɔfoɔ a wɔnam wɔn amammɔsɛm so adi awuo gu mpokyerɛ mu.+ 8 Enti nnipakuo no foro baeɛ na wɔfirii aseɛ srɛɛ sɛ ɔnyɛ sɛdeɛ ɔtaa yɛ ma wɔn no. 9 Pilato buaa wɔn kaa sɛ: “Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no ma mo anaa?”+ 10 Ná ɔnim sɛ ahoɔyaa+ nti na asɔfoɔ mpanimfoɔ no de no abrɛ no.+ 11 Nanso asɔfoɔ mpanimfoɔ no tutu guu nnipakuo no asom sɛ wɔmma ɔnyi Baraba mmom mma wɔn.+ 12 Na Pilato san bua see wɔn sɛ: “Ɛnneɛ deɛn na menyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ+ hene+ no?” 13 Na wɔsan teateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”+ 14 Na Pilato toaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ?” Na wɔkɔɔ so ara teateaam dendeenden sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”+ 15 Afei ɛsiane sɛ Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nnipakuo no ani nti,+ ɔyii Baraba maa wɔn, na ɔmaa wɔhwee Yesu de no maa wɔn sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu.+
16 Afei asraafoɔ no de no firii hɔ kɔɔ adihɔ, a ɛyɛ amrado atenaeɛ hɔ; na wɔfrɛfrɛɛ asraafoɔkuo no nyinaa hyiaeɛ,+ 17 na wɔhyɛɛ no atade kɔkɔɔ de nkasɛɛ nwenee abotire de bɔɔ no.+ 18 Na wɔfirii aseɛ kyeaa no sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo,+ Yudafoɔ hene!” 19 Afei nso na wɔde demmire hwehwe ne tirim tete ntasuo gu ne so, na na wɔbu nkotodwe koto n’anim.+ 20 Na berɛ a wɔdii ne ho agorɔ wieeɛ no, wɔyii atade kɔkɔɔ no firii ne ho de n’atadeɛ ngugusoɔ no hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛndua mu.+ 21 Bio nso wɔhyɛɛ obi a ɔretwam, Kireneni Simon, Aleksandro ne Rufo papa, a ɔnam kwan so reba kurom hɔ maa no soaa n’asɛndua no.+
22 Enti wɔde no baa baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, a sɛ wɔkyerɛ aseɛ a, ɛkyerɛ Tikoraa.+ 23 Ɛha na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no bobesa a wɔahyɛ no kurobo,+ nanso wannom.+ 24 Na wɔbɔɔ no asɛndua mu na wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’atadeɛ+ ngugusoɔ mu hunuu deɛ ɛsɛ sɛ obiara fa.+ 25 Na ɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa,*+ na wɔbɔɔ no asɛndua mu. 26 Na wɔtwerɛɛ soboɔ+ a wɔbɔɔ no no wɔ n’atifi sɛ, “Yudafoɔ Hene no.”+ 27 Bio nso, wɔbɔɔ adwotwafoɔ mmienu bi asɛndua mu kaa ne ho, baako wɔ ne nifa na baako wɔ ne benkum.+ 28 —— 29 Na wɔn a wɔretwam no wosoo wɔn ti kasa tiaa no,+ kaa sɛ: “O! Wo a anka wobɛdwiri asɔrefie aguo na woasi no nnansa ntam,+ 30 firi asɛndua no so si fam na gye wo ho.”+ 31 Saa ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no dii ne ho agorɔ kaa sɛ: “Ɔgyee afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ɔno ara ne ho!+ 32 Afei ma Kristo, Israel Hene no nsi mfiri asɛndua no so na yɛnhunu na yɛnnye nni.”+ Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu kaa ne ho no nso bɔɔ no ahohora.+
33 Berɛ a ɛduruu dɔn a ɛtɔ so nsia* no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron.*+ 34 Na ɛduruu dɔn a ɛtɔ so nkron* no, Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” a asekyerɛ ne sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me?”+ 35 Na wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bi teeɛ no wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Hwɛ! Ɔrefrɛ Elia.”+ 36 Na obi tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa nyinyanyinya mu de tuaa demmire ano na ɔde kɔmaa no sɛ ɔnnom,+ na ɔkaa sɛ: “Monnyae no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa.”+ 37 Na Yesu teaam dendeenden na ɔgyaa mu.+ 38 Na kronkronbea hɔ ntwamutam+ no mu suanee mmienu firi soro bɛsii fam.+ 39 Afei berɛ a ɔsraani panin a ɔgyina hɔ a n’ani tua no no hunuu sɛ wagyaa mu wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɔkaa sɛ: “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”+
40 Ná mmaa bi nso gyinagyina akyirikyiri rehwɛ;+ wɔn mu bi ne Maria Magdalene ne Yakobo Kumaa ne Yose maame Maria ne Salome,+ 41 a na wɔtaa ne no nanteɛ+ na wɔsom no berɛ a na ɔwɔ Galilea no, ne mmaa foforɔ a wɔkaa ne ho kɔɔ Yerusalem no.+
42 Afei na aduru anwummerɛ, na ɛsiane sɛ ɛyɛ Ahoboaboa berɛ, a ɛno ne da a ɛdi homeda anim nti, 43 Yosef a ɔfiri Arimatea, Badwa* no muni a wagye din, a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahennie no baeɛ.+ Ɔde akokoɔduro kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ Yesu amu.+ 44 Nanso na Pilato adwenem ntene no sɛ wanya awu koraa, na ɔfrɛɛ ɔsraani panin no bisaa no hwɛɛ sɛ wawu a. 45 Enti berɛ a ɔte firii ɔsraani panin no hɔ sɛ ɛte saa no, ɔde amu no maa Yosef.+ 46 Ɛnna ɔtɔɔ nwera pa, na ɔyii no too hɔ de nwera pa no kyekyeree no+ na ɔde no too ɛda+ a watwa wɔ ɔbotan mu no mu; na ɔmunii ɛboɔ de tweree ɛda no kwan ano.+ 47 Nanso Maria Magdalene ne Yose maame Maria kɔɔ so hwɛɛ faako a wɔde no atoɔ no.+