Yesaia
23 Tiro ho atemmusɛm nie:+ Tarsis+ ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no; ɛnyɛ hyɛn gyinabea bio, na obiara renkɔ hɔ bio!+ Kitim+ asase so na wɔyi kyerɛɛ wɔn. 2 Mpoanofoɔ, monyɛ dinn. Sidon+ adwadifoɔ a wɔtwa po no ama woayɛ mã. 3 Sihor+ aba, Nil nnɔbaeɛ, afa nsuo pii so, na ɛbɛyɛɛ ne mfasoɔ, aman no mfasoɔ.+
4 Sidon,+ ma w’ani nwu, ɛfiri sɛ ɛpo no, ɛpo abandenden no, aka sɛ: “Menkyem nwoo da, na menhwɛɛ aberanteɛ biara, na mentetee ababaa da.”+ 5 Sɛ nnipa te Tiro+ ho asɛm a, wɔn nsono mu bɛtwa wɔn te sɛ berɛ a wɔtee Egypt+ ho asɛm no. 6 Montwa mmra Tarsis; mpoanofoɔ, montwa adwo. 7 Yei ne mo kuro a ɛfiri tete, ne mfitiaseɛ pɛɛ no, asɛpɛ ne ho no anaa? Ne nan de no kɔɔ akyirikyiri kɔsoɛɛ aman foforɔ so.
8 Hwan na watu agyina+ atia Tiro, deɛ ɔsi ahemfo, deɛ n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma, deɛ n’akonkosifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ no?+
9 Asafo Yehowa atu agyina+ sɛ ɔbɛsɛe ahantan ne ahoɔfɛ+ nyinaa na wagu asase so animuonyamfoɔ nyinaa anim ase.+
10 O Tarsis+ babaa, kyini fa w’asase so te sɛ Asubɔnten Nil. Ɛhyɛn gyinabea nni hɔ bio.+ 11 Watene ne nsa wɔ po so; wawoso ahemman.+ Yehowa abu Foinike atɛn sɛ wɔnsɛe n’abandenden nyinaa.+ 12 Na ɔka sɛ: “Sidon+ babaa, ɔbaabunu a wɔahyɛ wo soɔ, worenni ahurisie bio.+ Sɔre kɔ Kitim.+ Na ɛhɔ mpo wo ho rentɔ wo.”
13 Hwɛ Kaldeafoɔ+ asase! Yeinom—ɛnyɛ Asiria+—na wɔde no sii hɔ maa serɛ so mmoa.+ Wɔahyehyɛ wɔn akoban,+ na wɔasɛe n’abankɛseɛ,+ wɔadwiri agu.+
14 Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe mo abandenden no.+
15 Na nnipa werɛ bɛfiri Tiro mfeɛ aduɔson,+ te sɛ ɔhene baako nna. Mfeɛ aduɔson awieeɛ no, Tiro bɛyɛ sɛ odwamanfoɔ bi dwom: 16 “O odwamanfoɔ+ a nnipa werɛ afiri woɔ, fa sankuo kyini kurom. Bɔ sankuo no yie na to nnwom pii ma nnipa nkae wo.”
17 Na mfeɛ aduɔson awieeɛ no, Yehowa bɛdane n’ani aba Tiro so, na ɔbɛsan akɔ n’apaadeɛ ho,+ na ɔne asase so ahemman a wɔwɔ asase so baabiara bɛbɔ adwaman.+ 18 Na ne mfasoɔ ne n’apaadeɛ+ bɛyɛ akronkronneɛ ama Yehowa. Wɔremmoa ano mfa nsie, ɛfiri sɛ wɔde n’apaadeɛ bɛma wɔn a wɔte Yehowa anim,+ na wɔbɛdidi amee anya nkataho fɛfɛɛfɛ.+