Marko
11 Afei berɛ a wɔrebɛn Yerusalem, Betfage ne Betania+ wɔ Ngo Bepɔ no soɔ no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mmienu+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mohunu yi ase, na sɛ monya hyɛn mu pɛ a mobɛhunu afunumu ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa ne so da; monsane no mfa no mmra.+ 3 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moreyɛ yei?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no, na ntɛm ara ɔbɛma wɔde no aba ha.’”+ 4 Enti wɔkɔ kɔhunuu afunumu ba no wɔ abɔnten sɛ wɔamantam no pono ano, wɔ kwan ho, na wɔsanee no.+ 5 Na wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bi bisaa wɔn sɛ: “Moresane afunumu ba no ayɛ deɛn?”+ 6 Wɔkaa deɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn; na wɔmaa wɔkɔeɛ.+
7 Na wɔde afunumu+ ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntadeɛ ngugusoɔ guu ne so, na ɔtenaa so.+ 8 Afei nso, nnipa bebree de wɔn ntadeɛ+ ngugusoɔ sesɛɛ kwan mu, na ebinom nso twitwaa nnua mman+ firii wuram.+ 9 Na wɔn a wɔdi animu ne wɔn a wɔwɔ akyire no kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye no!+ Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu!+ 10 Nhyira ne yɛn agya Dawid+ ahennie a ɛreba no! Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!” 11 Na ɔkɔduruu Yerusalem, na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ; na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa hyiaeɛ, na ɛsiane sɛ na berɛ kɔ dada nti ɔfirii hɔ ne dumienu no kɔɔ Betania.+
12 Adeɛ kyeeɛ a wɔfirii Betania no, ɛkɔm dee no.+ 13 Na n’ani bɔɔ borɔdɔma dua bi a ahahan wɔ soɔ so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔhwɛɛ sɛ ebia ɔbɛnya biribi wɔ so a. Nanso berɛ a ɔkɔɔ ho no wanhunu hwee sɛ ahahan, ɛfiri sɛ na ɛnyɛ berɛ a borɔdɔma soɔ.+ 14 Enti ɔka kyerɛɛ dua no sɛ: “Obiara renni wo so aba bio da.”+ Ná n’asuafoɔ no retie.
15 Afei wɔbaa Yerusalem. Ɛnna ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔkɔpamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ adeɛ no firii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa sikasesafoɔ no apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkonnwa butubutuiɛ;+ 16 na wamma obiara ansoa adeɛ antwam amfa asɔrefie hɔ, 17 na ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe, kaa sɛ: “Wɔntwerɛɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie+ ama aman nyinaa+ anaa’? Nanso mode ayɛ adwotwafoɔ atɛeɛ.”+ 18 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔfirii aseɛ hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so aku no,+ na na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ no ma nnipakuo no ho dwiri wɔn daa.+
19 Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔfirii kuro no mu sɛdeɛ wɔtaa yɛ no. 20 Na anɔpatutuutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma dua no awu dada firi ne nhini ase.+ 21 Enti Petro kaeeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, hwɛ! borɔdɔma dua a wodomee no no awu.”+ 22 Na Yesu bua see wɔn sɛ: “Monnya Onyankopɔn mu gyidie. 23 Nokorɛm mese mo sɛ obiara a ɔka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu,’ a ɔnnye kyim n’akomam na mmom ɔwɔ gyidie sɛ deɛ ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.+ 24 Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.+ 25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpaeɛ a, momfa biribiara a obiara ayɛ mo nkyɛ no;+ na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ afiri mo.”+ 26 ——
27 Na wɔsan baa Yerusalem. Na berɛ a ɔnam asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn+ 28 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ yeinom? anaasɛ hwan na ɔmaa wo saa tumi a wode yɛ yeinom yi?”+ 29 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mɛbisa mo asɛm baako. Momma me mmuaeɛ, na me nso mɛka tumi ko a mede yɛ yeinom akyerɛ mo.+ 30 Tumi a Yohane de bɔɔ asuo+ no firi soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Momma me mmuaeɛ.”+ 31 Ɛnna wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro a,’ ɔbɛka sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no annie?’+ 32 Nanso yɛyɛ dɛn ka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’?”— Ná wɔsuro nnipadɔm no, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ na ɔyɛ odiyifoɔ ampa.+ 33 Enti wɔbuaa Yesu kaa sɛ: “Yɛnnim.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso merenka tumi a mede yɛ yeinom nkyerɛ mo.”+