Numeri
25 Israelfoɔ bɛduruu Sitim+ no, nnipa no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman.+ 2 Sɛ wɔrebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame+ a, mmaa no frɛfrɛ wɔn kɔ aseɛ, enti wɔdidiiɛ na wɔsom wɔn anyame no.+ 3 Enti Israel de ne ho kɔbɔɔ Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuu Israel dendeenden.+ 4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa ɔman no mu atitire nyinaa bɛsensɛn wɔn Yehowa anim+ wɔ awia so, na Yehowa abufuo mfiri Israel so.” 5 Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufoɔ no sɛ:+ “Mo mu biara nkunkum+ ne mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-Peor no.”
6 Saa berɛ no ara mu no, Israelni barima+ bi kɔfaa Midianni baa+ bi baa ne nuanom mu, Mose ne Israel asafo no nyinaa anim, berɛ a wɔgyinagyina ahyiaeɛ ntomadan no ano resu no. 7 Berɛ a ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar ba Finehas+ hunuu deɛ ɛrekɔ soɔ no, ɔyɛɛ ntɛm firii asafo no mu kɔfaa ne pea. 8 Ɔdii Israelni barima no akyi kɔɔ ntomadan no mu, na ɔde pea no wɔɔ Israelni no ne ɔbaa no nyinaa maa no puee ɔbaa no ayaase. Afei ɔhaw a ɛbaa Israelfoɔ soɔ no to twaeɛ.+ 9 Wɔn a ɔhaw no nti wɔwuwuiɛ no dodoɔ yɛ mpem aduonu nnan.+
10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 “Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar ba Finehas+ asianka m’abufuo+ afiri Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ ɔtwee ninkunu maa me wɔn mu.+ Yei amma me ara mantwe ninkunu+ antɔre Israelfoɔ no ase. 12 Enti ka kyerɛ no sɛ: ‘Me ne no bɛyɛ asomdwoeɛ apam. 13 Na ɛbɛyɛ asɔfodie apam daa ama ɔne ne nkyirimma nyinaa,+ ɛfiri sɛ ɔtwee ninkunu maa ne Nyankopɔn+ de pata maa Israelfoɔ no.’”+
14 Israelni barima a wɔkum ɔne Midianni baa no din de Simri, Salu a ɔyɛ panin+ wɔ Simeon abusuakuo mu no ba. 15 Na Midianni baa a wɔkum no no din de Kosbi, Sur+ a ɔyɛ panin wɔ Midianfoɔ+ mmusua no baako mu no ba.
16 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Monha Midianfoɔ no na monkunkum wɔn,+ 18 ɛfiri sɛ wɔde wɔn nnaadaa+ ne aniteɛ maa moyɛɛ bɔne wɔ Peor.+ Wɔnam Midian abusuapanin bi babaa Kosbi+ so maa moyɛɛ bɔne. Wɔn nuabaa yi na wɔkum+ no da a ɔhaw baa Peor no.”+