Numeri 25:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Enti Israel de ne ho kɔbɔɔ Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuu Israel dendeenden.+ Nehemia 13:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane+ ne nsuo+ ammɛhyia Israel mma, mmom no, wɔkɔbɔɔ Balaam+ paa sɛ ɔnnome wɔn.+ Nanso yɛn Nyankopɔn maa nnome no danee nhyira.+ 2 Petro 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wɔafiri ɛkwan tẽẽ no so ama wɔadaadaa wɔn. Wɔafa Beor ba Balaam+ kwan so; ɔno na na ɔpɛ adebɔne so akatua,+ Yuda 11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfasoɔ nti, wɔde ahoperɛ akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuateɛ kasa no mu!+
2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane+ ne nsuo+ ammɛhyia Israel mma, mmom no, wɔkɔbɔɔ Balaam+ paa sɛ ɔnnome wɔn.+ Nanso yɛn Nyankopɔn maa nnome no danee nhyira.+
15 Wɔafiri ɛkwan tẽẽ no so ama wɔadaadaa wɔn. Wɔafa Beor ba Balaam+ kwan so; ɔno na na ɔpɛ adebɔne so akatua,+
11 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so,+ na mfasoɔ nti, wɔde ahoperɛ akɔfa Balaam kwammɔne no so,+ na wɔasɛe wɔ Kora+ atuateɛ kasa no mu!+