2 Petro
3 Adɔfo, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mo, na te sɛ deɛ ɛdi kan no,+ merekaekae+ mo de akanyan mo adwene ama emu ada hɔ fann, 2 na moakae nsɛm a adiyifoɔ+ kronkron no aka ato hɔ no ne ahyɛdeɛ a Awurade ne Agyenkwa no nam mo asomafoɔ so de maeɛ no.+ 3 Deɛ ɛdi kan koraa no, monim sɛ nna a ɛdi akyire no+ mu no, afɛdifoɔ+ bɛdi wɔn ara akɔnnɔ akyi+ abɛdi fɛ 4 aka sɛ:+ “Ne mmaeɛ a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ he?+ Hwɛ, ɛfiri da a yɛn agyanom dedaeɛ no, biribiara te sɛ deɛ ɛteɛ firi abɔdeɛ mfitiaseɛ.”+
5 Na ɛsiane sɛ wɔn ara pɛ no saa nti, wɔnhunu nokwasɛm yi sɛ ɛfiri tete no, na ɔsoro wɔ hɔ,+ na asase no firi nsuo mu gyina hɔ pintinn+ na nsuo atwa ho ahyia,+ Onyankopɔn asɛm nti; 6 na ɛnam so na nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no.+ 7 Na ɛnam asɛm korɔ no ara so na wɔakora ɔsoro+ ne asase+ a ɛwɔ hɔ yi so ama egya+ de retwɛn atemmuo+ ne amumuyɔfoɔ sɛeɛ da.+
8 Nanso, adɔfo, mommma mo ani mmpa nokwasɛm yi so sɛ Yehowa fam no, da koro yɛ mfeɛ apem na mfeɛ apem nso yɛ da koro.+ 9 Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛdeɛ ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛeɛ, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.+ 10 Nanso Yehowa da+ no bɛba sɛ ɔkorɔmfoɔ,+ na emu na ɔsoro bɛtwam+ kurududu,+ na nneɛma a adɔ kɔɔ no bɛnane,+ na asase+ ne emu nnwuma bɛda adi.+
11 Ɛsiane sɛ yeinom nyinaa bɛnane nti, monhunu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu 12 berɛ a motwɛn+ na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm+ mo adwenem no, ɛda a ɔsoro bɛsɔ gya asɛeɛ+ na emu nneɛma a adɔ kɔɔ no bɛnane no! 13 Na sɛdeɛ ne bɔhyɛ teɛ no, yɛretwɛn ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ,+ na yei mu na tenenee bɛtena.+
14 Enti, adɔfo, ɛsiane sɛ moretwɛn yeinom nti, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma no mmɛhu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekaeɛ+ ne dɛm biara wɔ asomdwoeɛ mu.+ 15 Bio nso, mommu yɛn Awurade ntoboaseɛ no sɛ nkwagyeɛ sɛdeɛ yɛn nua dɔfo Paulo nso nam nyansa+ a wɔde ama no so twerɛɛ mo+ 16 na ɔkaa yeinom ho asɛm sɛdeɛ ɔtaa yɛ wɔ ne nkrataa nyinaa mu no. Emu na nsɛm a ne nteaseɛ yɛ den wɔ, na wɔn a wɔnsuaa adeɛ na wɔn ase ntimiiɛ no kyinkyim no sɛdeɛ wɔkyinkyim Twerɛnsɛm a aka no+ ma no kɔwie wɔn ara wɔn sɛeɛ mu.
17 Enti, adɔfo, ɛsiane sɛ monim yei dada nti,+ monhwɛ mo ho yie na mmaratofoɔ amfa wɔn nnebɔne no antwe mo ankɔ, na berɛ a moatim yi moanhwe ase.+ 18 Dabida, na mmom monkɔ so nnyini yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.+ Ɔno na animuonyam nka no nnɛ ne daa.+