1 Petro
3 Saa ara+ na mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase+ mma mo ara mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso+ amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ+ so anya wɔn+ a kasa nka ho, 2 ɛfiri sɛ wɔn ara wɔbɛdi mo abrabɔ kronn+ ne obuo a emu dɔ no ho adanseɛ. 3 Na mommma mo ahosiesie nnyɛ nnipa ani so deɛ, mmɛsawɔ+ ne sikahyɛ+ anaa ntadehyɛ, 4 na mmom momma no nyɛ akomam nipa a wahunta,+ honhom a ɛyɛ komm na ɛdwoɔ,+ atadeɛ a ɛmporɔ;+ yei na ɛsom bo Onyankopɔn anim. 5 Saa ara na tete no, mmaa kronkron a wɔde wɔn ho too Onyankopɔn so no siesiee wɔn ho brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ara wɔn kununom, 6 sɛdeɛ Sara tiee Abraham na ɔfrɛɛ no “me wura” no.+ Na sɛ mokɔ so yɛ papa na moansuro ahudeɛ+ biara a, ɛnneɛ na moabɛyɛ ne mma.
7 Mo okununom, monkɔ so ne wɔn ntena saa ara+ wɔ nimdeɛ mu,+ na monni mmaa no ni+ sɛ wɔyɛ anwenneɛ a ɛyɛ mmerɛ sene mo, ɛfiri sɛ mo ne wɔn nyinaa yɛ nkwa a wɔde adom mo no adedifoɔ,+ na mo mpaebɔ kwan ansi.+
8 Afei mo nyinaa nyɛ adwenkorɔ,+ na monnya tema, onuadɔ, ayamhyehyeɛ,+ ne ahobrɛaseɛ adwene,+ 9 na mommfa bɔne nntua bɔne ka,+ nso mommfa nsopa nntua nsopa ka,+ na mmom monhyira,+ ɛfiri sɛ yei nti na wɔfrɛɛ mo na mo nsa aka nhyira.
10 Na “deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna pa no,+ ma no nto ne kɛtrɛma nnareka+ adebɔne ho, na n’ano anka nnaadaasɛm,+ 11 na ɔntwe ne ho mfiri bɔne ho+ na ɔnyɛ papa; ɔnhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire.+ 12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+
13 Nokorɛm no, sɛ moyɛ nnam papayɛ mu a, hwan na ɔbɛha mo?+ 14 Na sɛ tenenee nti mohunu amane mpo a, mowɔ anigyeɛ.+ Nanso monnsuro deɛ wɔsuro no,+ na mommma mo yam nnhyehye mo nso.+ 15 Mmom no, monte Kristo ho sɛ Awurade wɔ mo akomam+ na monyɛ krado berɛ biara sɛ mode anoyie bɛma+ obiara a ɔbɛbisa anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no ɔdwoɔ+ ne obuo a emu dɔ mu.
16 Monkura ahonim pa+ mu na wɔn a wɔka mo abrabɔ pa wɔ Kristo mu ho asɛmmɔne+ no ani awu+ asɛm a wɔka tia mo no ho. 17 Na sɛ mohunu amane adepa ho, na Onyankopɔn pɛ no saa a, ɛyɛ+ sene sɛ mobɛhunu amane bɔne ho.+ 18 Hwɛ, Kristo mpo wuu prɛko, bɔne nti;+ onipa tenenee wu maa abɔnefoɔ,+ na ɔde mo akɔ Onyankopɔn nkyɛn;+ ɔno na wɔkuu no honam mu+ nanso wɔmaa no tenaa ase honhom mu.+ 19 Saa tebea no mu nso na ɔkɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase,+ 20 a wɔyɛɛ asoɔden+ berɛ a Onyankopɔn de abodwokyɛreɛ+ twɛnee wɔ Noa nna no mu, berɛ a wɔreyɛ adaka+ a emu na wɔkoraa nnipa kakra, akra nwɔtwe so, faa nsuo no mu no.+
21 Deɛ ɛyɛ ne nsɛsoɔ nso na seesei ɛgye mo nkwa;+ ɛno ne asubɔ (a ɛnyɛ honam ho fĩ a wɔyie, na mmom adesrɛ a wɔde to Onyankopɔn anim de pɛ ahonim pa)+ a ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ soɔ.+ 22 Ɔkɔɔ ɔsoro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa;+ na wɔde abɔfoɔ+ ne atumfoɔ ne tumidifoɔ ahyɛ n’ase.+