106 Monyi Yah ayɛ!+
Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.+
2 Hwan na ɔbɛtumi aka Yehowa nnwuma akɛseɛ ho asɛm,+
Na wama wɔate n’ayeyie nyinaa?+
3 Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi asɛntenenee+
Na wɔyɛ adetenenee berɛ nyinaa.+
4 O Yehowa, kae me sɛdeɛ wodom wo man no.+
Hwɛ me so na gye me nkwa,+
5 Na ama mahunu papa a woyɛ wɔn a woayi wɔn no,+
Na madi ahurisie sɛ wo man,+
Na me ne w’agyapadeɛ ahoahoa yɛn ho.+
6 Yɛayɛ bɔne sɛ yɛn agyanom ara;+
Yɛafom; yɛadi amumuyɔsɛm.+
7 Yɛn agyanom a na wɔwɔ Egypt deɛ,
Wɔante w’anwanwadwuma ase.+
Wɔankae w’adɔeɛ bebrebe no,+
Na mmom wɔtee atua wɔ po no ho, Po Kɔkɔɔ no.+
8 Nanso ne din nti, ɔgyee wɔn,+
Na ama wɔahunu ne kɛseyɛ.+
9 Enti ɔkaa Po Kɔkɔɔ no anim, na ɛweeɛ;+
Ɔne wɔn nantee subunu no mu sɛdeɛ wɔnam serɛ soɔ;+
10 Ɔgyee wɔn firii wɔn a wɔkyiri wɔn no nsam,+
Na ɔyii wɔn firii atamfo nsam.+
11 Nsuo no twi faa wɔn atamfo no so;+
Wɔn mu baako mpo anka.+
12 Ɛnna wɔnyaa n’asɛm mu gyidie;+
Na wɔtoo ayeyi dwom maa no.+
13 Nanso ankyɛ na wɔn werɛ firii ne nnwuma;+
Wɔantwɛn n’akwankyerɛ.+
14 Mmom no, wɔdaa wɔn pɛsɛmenkomenya akɔnnɔ adi wɔ serɛ no so,+
Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ wɔ kwaweɛ no so.+
15 Ɛnna ɔde wɔn abisadeɛ maa wɔn+
Na ɔde yarebɔne bobɔɔ wɔn akra.+
16 Wɔn ani beree Mose wɔ nsraban no mu,+
Na Yehowa nipa kronkron Aaron nso, wɔn ani beree no.+
17 Ɛno nti asase buee n’anom menee Datan,+
Na ɛkataa Abiram asafo so.+
18 Egya bɛhyee wɔn asafo no;+
Gyaframa bɛtɔɔ nnebɔneyɛfoɔ no mu.+
19 Bio nso wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb,+
Na wɔkotoo honi a wɔasene.+
20 Wɔsesãã m’animuonyam+
De maa nantwinini a ɔwe wura honi.+
21 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn, wɔn Gyefoɔ no,+
Deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ Egypt no,+
22 Deɛ ɔyɛɛ anwanwadwuma wɔ Ham asase so,+
Ne ahudeɛ wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no.+
23 Anka ɔreka ama wɔatɔre wɔn ase,+
Nanso Mose a wayi no no
Gyinaa ɔne wɔn ntam,+
Na ɔsiankaa n’abufuhyeɛ sɛ ɔnnsɛe wɔn.+
24 Wɔtoo asase fɛfɛ no ho mpe,+
Na wɔannya n’asɛm mu gyidie.+
25 Wɔnwiinwii wɔn ntomadan mu,+
Na wɔantie Yehowa nne.+
26 Enti ɔmaa ne nsa so de kaa ntam+
Sɛ ɔbɛma wɔatotɔ wɔ serɛ no so,+
27 Na wama wɔn asefoɔ atotɔ amanaman no mu,+
Na wabɔ wɔn ahwete nsase no so.+
28 Wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal Peor+
Na wɔdii adeɛ a nkwa nnim afɔrebɔdeɛ.+
29 Berɛ a wɔde wɔn nneyɛɛ huruu ne bo no,+
Ɔhaw baa wɔn so.+
30 Berɛ a Finehas sɔre gyinaeɛ no,+
Ɔhaw no to twaeɛ,
31 Na ɔbuu no adetenenee maa no,
Awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ mu, kɔsi mmerɛ a ɛnni awieeɛ.+
32 Bio nso, wɔgyegyee no wɔ Meriba nsuo ho,+
Na wɔn nti, ɛwiee Mose bɔne.+
33 Wɔhyɛɛ ne honhom ahometeɛ,
Ma enti ɔkasaa basabasa.+
34 Wɔantɔre amanaman no ase+
Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no.+
35 Wɔde wɔn ho frafraa amanaman no,+
Na wɔsuasuaa wɔn nnwuma.+
36 Wɔkɔsom wɔn ahoni,+
Na ɛsum wɔn fidie.+
37 Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa+
Bobɔɔ afɔdeɛ maa adaemone.+
38 Enti wɔhwiee mogya a ɛdi bem guiɛ;+
Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mogya
Bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaanfoɔ ahoni,+
Na mogyahwieguo maa asase no ho guu fĩ.+
39 Wɔde wɔn nnwuma guu wɔn ho fĩ,+
Na wɔde wɔn nneyɛɛ bɔɔ adwaman.+
40 Ɛnna Yehowa abufuo dɛre tiaa ne man,+
Na n’agyapadeɛ no bɛyɛɛ akyiwadeɛ maa no.+
41 Enti ɔde wɔn hyɛɛ amanaman no nsa+
Sɛ wɔn a wɔkyiri wɔn no nni wɔn so;+
42 Wɔn atamfo no hyɛɛ wɔn so,
Na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase.+
43 Mprɛ pii na ɔgyee wɔn,+
Nanso wɔkɔɔ so tee atua wɔn asoɔden mu,+
Na wɔn mfomsoɔ nti, ɔbrɛɛ wɔn ase.+
44 Ɔhunuu wɔn ahohia+
Na ɔtiee wɔn sufrɛ.+
45 Ɔkaee apam a ɔne wɔn yɛeɛ no,+
Na n’adɔeɛ dodoɔ nti, ɔgyae maa no kaeɛ.+
46 Enti ɔmaa wɔn asɛm yɛɛ mmɔbɔ,
Wɔn a wɔafa wɔn nnommum no anim.+
47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+
Boaboa yɛn ano firi amanaman no mu bra+
Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,+
Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.+
48 Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn no+
Firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten;
Ma ɔman no nyinaa nka sɛ, Amen.+
Monyi Yah ayɛ!+