Luka
14 Na berɛ bi a ɔkɔɔ Farisifoɔ atumfoɔ no baako fie homeda sɛ ɔrekɔdidie no,+ na nkurɔfoɔ no rehwɛ no komm.+ 2 Na hwɛ! na obi wɔ n’anim a wahonhono. 3 Enti Yesu bisaa wɔn a wɔnim Mmara no ne Farisifoɔ no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ homeda anaasɛ ɛmma kwan?”+ 4 Nanso wɔyɛɛ dinn. Enti ɔsɔɔ ne mu saa no yareɛ na ɔmaa no kɔeɛ. 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ne ba anaa ne nantwie tɔ abura mu a,+ ɔrenyi no mfiri mu ntɛm ara homeda?”+ 6 Na wɔantumi anyi saa nsɛm yi ano.+
7 Afei ɔtoaa so maa mfatoho bi kyerɛɛ nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no, berɛ a ɔhunuu sɛdeɛ na wɔhwehwɛ mu yi mpanin tenabea no; ɔsee wɔn sɛ:+ 8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforɔhyia ase a, ntena mpanin tenabea.+ Ebia na wato nsa afrɛ obi a ɔdi mũ sene woɔ, 9 na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma onipa yi ntena hɔ.’ Afei wode aniwuo bɛfiri hɔ akɔtena baabi a ɛba fam koraa.+ 10 Mmom sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɛba fam koraa,+ na sɛ deɛ wato nsa afrɛ woɔ no ba a, waka akyerɛ wo sɛ ‘Damfo, foro kɔ soro.’ Ɛno bɛma woanya anidie wɔ wo mfɛfoɔ a wɔahyia no nyinaa anim.+ 11 Na obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.”+
12 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: “Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa wo mfɛfoɔ adefoɔ. Ebia da bi wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo na ayɛ sɛ wɔretua wo ka. 13 Na mmom sɛ woto pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ;+ 14 na wobɛnya anigyeɛ, ɛfiri sɛ wɔn deɛ wɔnni biribiara a wɔde bɛtua wo so ka. Na wobɛnya akatua wɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ+ no mu.”
15 Berɛ a wɔn a wɔahyia hɔ no mu baako tee nsɛm yi no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Anigyeɛ ne deɛ ɔdidi Onyankopɔn ahennie mu.”+
16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ná onipa bi reto pono kɛseɛ anwummerɛ bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii.+ 17 Na dɔn a wɔde bɛdi aduane no duruiɛ no, ɔsomaa n’akoa kɔɔ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no hɔ sɛ, ‘Mommra+ na afei wɔasiesie biribiara awie.’ 18 Nanso wɔn nyinaa firii aseɛ yiyii wɔn ho ano.+ Deɛ ɔdi kan no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Matɔ asase na ɛhia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’+ 19 Na ɔfoforɔ kaa sɛ: ‘Matɔ anantwie mpamho nnum na merekɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’+ 20 Ɔfoforɔ nso kaa sɛ: ‘Mewaree me yere nkyɛeɛ+ enti merentumi mma.’ 21 Enti akoa no bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura. Ɛnna efiewura no bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ, ‘Kɔ kuro no akwan ne mmorɔno so ntɛm kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.’+ 22 Akyire yi akoa no kaa sɛ, ‘Owura, mayɛ deɛ wohyɛeɛ no nanso kwan da so wɔ hɔ.’ 23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ, ‘Kɔ akwan so+ ne ban ho na hyɛ wɔn ma wɔmmra mu, na ama me fie ayɛ mã.+ 24 Na meka kyerɛ mo sɛ, nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mu biara nni hɔ a m’aduane no bi bɛka n’ano.’”+
25 Afei na nnipakuo kɛseɛ bi ne no nam, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 26 “Sɛ obi ba me nkyɛn na ɔntan ne papa ne ne maame ne ne yere ne ne mma ne ne nua mmarima ne ne nua mmaa ne ɔno ara mpo ne kra a,+ ɔrentumi nyɛ me suani.+ 27 Obiara a ɔnsoa n’asɛndua na ɔnni m’akyi no ntumi nyɛ me suani.+ 28 Sɛ nhwɛsoɔ no, mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban na ɔnni kan ntena ase nsẽsẽ+ nhwɛ sɛ ɔwɔ deɛ ɛdɔɔso a ɔde bɛwie? 29 Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔhwɛ nyinaa bɛfiri aseɛ adi ne ho fɛ, 30 aka sɛ, ‘Onipa yi firii aseɛ siiɛ nanso wantumi anwie.’ 31 Anaa ɔhene bɛn na sɛ ɔresim akɔhyia ɔhene foforɔ wɔ ɛko mu a, ɔnni kan ntena ase ntu agyina nhwɛ sɛ ɔbɛtumi de asraafoɔ mpem du akɔhyia deɛ ɔde mpem aduonu reba ne soɔ no?+ 32 Nokorɛm no, sɛ ɔrentumi nyɛ saa a, ɛnneɛ berɛ a baako no wɔ akyirikyiri nohoa no, ɔsoma ahemmɔfoɔ ma wɔkɔsrɛ sɛ wɔnni no asomdwoeɛ mu.+ 33 Enti, monhunu sɛ, mo mu biara a ɔnnya n’ahodeɛ nyinaa hɔ+ no rentumi nyɛ me suani.
34 “Ɛyɛ nokorɛ sɛ nkyene yɛ. Nanso sɛ nkyene ahoɔden firi mu a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ nkyene no?+ 35 Ɛnyɛ mma asase anaa sumina. Nkurɔfoɔ to gu abɔnten. Ma deɛ ɔwɔ asõ a ɔde bɛtie no ntie.”+