Adiyisɛm
11 Na wɔde demmire bi a ɛte sɛ poma+ maa me, na ɔkaa sɛ: “Sɔre susu Onyankopɔn asɔrefie+ no kronkronbea ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔresom wɔ hɔ no. 2 Na adihɔ+ a ɛwɔ asɔrefie no kronkronbea no akyi no deɛ, fa to nkyɛn koraa na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman no,+ na wɔbɛtiatia kuro kronkron+ no so abosome aduanan mmienu.+ 3 Na mɛma m’adansefoɔ mmienu+ afira atweaatam+ ahyɛ nkɔm+ nna apem ahanu aduosia.” 4 Yeinom na wɔde ngodua mmienu+ ne nkaneadua+ mmienu no yɛ wɔn ho sɛnkyerɛnne, na wɔgyinagyina asase Wura no anim.+
5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, egya firi wɔn anom bɛsɛe wɔn atamfo;+ na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ɛsɛ sɛ wɔku no saa kwan yi so. 6 Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu+ na nsuo antɔ+ wɔ nna a wɔde hyɛ nkɔm no mu, na wɔwɔ tumi wɔ nsuo so sɛ wɔma ɛdane mogya+ na wɔde ɔhaw nyinaa bi ha asase berɛ dodoɔ biara a wɔpɛ.
7 Na sɛ wɔwie wɔn adansedie no a, akekaboa a ɔfiri amena donkodonko no mu+ ba no ne wɔn bɛko adi wɔn so nkonim na waku wɔn.+ 8 Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔnten so, deɛ honhom mu no wɔfrɛ no Sodom+ ne Egypt, baabi a wɔbɔɔ wɔn Wura nso asɛndua mu no.+ 9 Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ne aman+ no mufoɔ bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fã,+ na wɔremma wɔmfa wɔn afunu ngu ada mu. 10 Na wɔn a wɔtete asase soɔ no bɛdi wɔn ho ahurisie+ na wɔasɛpɛ wɔn ho, na wɔbɛmema wɔn ho akyɛdeɛ,+ ɛfiri sɛ adiyifoɔ mmienu no maa wɔn a wɔtete asase soɔ no ho yeraa wɔn.
11 Na nnansa ne fã+ no akyi no, nkwa honhom firi Onyankopɔn hɔ bɛhyɛɛ wɔn mu,+ na wɔsɔre gyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no. 12 Na wɔtee nne+ kɛseɛ bi firii soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo mmra ha.”+ Na wɔforo kɔɔ soro wɔ mununkum mu, na wɔn atamfo hunuu wɔn. 13 Na saa dɔn no ara mu asasewosoɔ kɛseɛ bi siiɛ, na kuro no mu nkyɛmu du+ mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kunkum nnipa mpem nson, na wɔn a aka no bɔɔ hu, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.+
14 Mmusuo+ a ɛtɔ so mmienu no atwam. Hwɛ! Mmusuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no reba ntɛm.
15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+
16 Na mpanimfoɔ aduonu nnan+ a wɔtete wɔn nhennwa so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu hɔ+ som Onyankopɔn,+ 17 na wɔkaa sɛ: “Yɛda wo ase,+ Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo a na wowɔ hɔ,+ na woda so wɔ hɔ, ɛfiri sɛ woafa wo tumi+ kɛseɛ no na woafiri aseɛ redi hene.+ 18 Nanso amanaman no bo fuiɛ, na wo ara w’abufuo ne berɛ a ɛsɛ sɛ wobu awufoɔ atɛn no baeɛ, na wode akatua+ ama wo nkoa adiyifoɔ+ ne akronkronfoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ,+ na woasɛe+ wɔn a wɔresɛe asase no.”+
19 Na wɔbuee Onyankopɔn asɔrefie no kronkronbea a ɛwɔ soro+ no, na wɔhunuu n’apam adaka+ no wɔ n’asɔrefie no kronkronbea hɔ.+ Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosoɔ ne asukɔtweaa kɛseɛ bi baeɛ.