Yona
4 Nanso Yona ani annye asɛm no ho koraa,+ na ne bo fuiɛ. 2 Enti ɔbɔɔ mpaeɛ ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asase soɔ mekaeɛ no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na medwanee sɛ merekɔ Tarsis+ no, ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ+ ne ɔdomfoɔ, wo bo kyɛre fu, w’adɔeɛ dɔɔso,+ na ɛha wo sɛ wobɛma amanehunu aba.+ 3 Afei Yehowa, gye me kra+ firi me nsam, na ɛyɛ sɛ mɛwuo sene sɛ mɛtena aseɛ.”+
4 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Wosusu sɛ ɛyɛ sɛ wo bo fuo?”+
5 Na Yona firii kuro no mu kɔɔ apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ, na ɔbɔɔ sese bi sɛ ɔretena ne nwunu ase+ atwɛn ahwɛ deɛ ɛbɛto kuro no.+ 6 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn maa kɔntoa* bi fifii sɛ ɛnkata Yona so, na ɔnyaa nwunu a ɛbɛgye no afiri n’ahoyera mu.+ Na kɔntoa yi nti Yona ani gyee papaapa.
7 Na adeɛ kyeeɛ a animu rebaebae no, nokorɛ Nyankopɔn maa ɔsã+ bɛwee kɔntoa no, na ɛwuiɛ.+ 8 Berɛ a awia pueeɛ no, Onyankopɔn maa apueeɛ mframa+ a emu yɛ hyeɛ nso bɔeɛ, na awia no hyee Yona apampam maa ɔyɛɛ mmerɛ.+ Afei ɔsrɛɛ sɛ ne kra nwu, na ɔsii so kaa sɛ: “Ɛyɛ sɛ mɛwuo sene sɛ mɛtena aseɛ.”+
9 Afei Onyankopɔn bisaa Yona sɛ: “Wosusu sɛ ɛyɛ sɛ kɔntoa yi nti wo bo fuo anaa?”+
Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ sɛ me bo fuo, na menyaeɛ mpo a anka owuo de me kɔ.” 10 Na Yehowa kaa sɛ: “Wo deɛ, kɔntoa yi mpo asɛm ha wo. Nanso woammrɛ ho, na ɛnyɛ wo na womaa no nyiniiɛ; ɛfifii anadwo koro na ɛwuu anadwo koro. 11 Na me deɛ, Niniwe kuro kɛseɛ a emufoɔ boro mpem ɔha aduonu a wɔnnim wɔn nifa nnim wɔn benkum ne nyɛmmoa bebrebe yi asɛm nha me anaa?”+