Hebrifoɔ
4 Enti ɛsiane sɛ bɔhyɛ da so wɔ hɔ sɛ yɛbɛtumi ahyɛn ne home mu+ nti, momma yɛnsuro na da bi anna adi sɛ mo mu bi atɔ sini wɔ ho.+ 2 Na yɛn nso wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn+ sɛ wɔn ara;+ nanso asɛm a wɔteeɛ no so amma wɔn mfasoɔ,+ ɛfiri sɛ gyidie+ anka wɔn a wɔteeɛ no ammata ho.+ 3 Na yɛn a yɛagye adie no hyɛn ɔhome no mu sɛdeɛ ɔkaeɛ no sɛ: “Enti mekaa ntam+ m’abufuo mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛn+ me home mu,’”+ ɛwom, ɛfiri wiase nhyɛaseɛ+ no, na wawie ne nnwuma.+ 4 Na waka da a ɛtɔ so nson no ho asɛm wɔ baabi sɛ: “Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no firii ne nnwuma nyinaa ho,”+ 5 na ɔsan kaa wɔ ha sɛ: “Wɔrenhyɛn me home mu.”+
6 Enti ɛsiane sɛ deɛ aka ne sɛ ebinom bɛhyɛn mu, na asoɔden amma wɔn a wɔdii kan kaa asɛmpa+ no kyerɛɛ wɔn no ankɔ mu+ nti, 7 ɔsan hyɛɛ da foforɔ berɛ a ɔkaa no berɛ tenteenten akyi wɔ Dawid dwom mu sɛ “Ɛnnɛ” no; sɛdeɛ wɔaka dada no: “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a,+ mommpirim mo akoma.”+ 8 Na sɛ Yosua+ dii wɔn anim kɔɔ homebea a,+ anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka+ da foforɔ ho asɛm. 9 Enti homeda bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ.+ 10 Na onipa a wahyɛn Onyankopɔn home mu+ no, ɔno ara nso ahome afiri ne nnwuma ho,+ sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.
11 Enti momma yɛnyɛ deɛ yɛbɛtumi nyinaa mfa nhyɛn saa ɔhome no mu, na obiara anhwe ase ankɔdi asoɔden nhwɛsoɔ korɔ no ara akyi.+ 12 Na Onyankopɔn asɛm+ wɔ nkwa,+ na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu+ biara, na ɛtumi hwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra+ ne honhom,+ ne dompe* ne emu hon mu, na ɛtumi hunu akomam adwene ne nsusuiɛ.+ 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, deɛ yɛne no wɔ akontabuo no anim.+
14 Enti, ɛsiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwam kɔ soro,+ Onyankopɔn Ba Yesu,+ nti, momma yɛnkɔ so mpae mu nka ne ho asɛm.+ 15 Na ɔsɔfo panin a yɛwɔ no nyɛ obi a ɔntumi nte yɛn mmerɛyɛ ase,+ na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.+ 16 Enti momma yɛmfa ahotɔsoɔ+ mmra adom ahennwa no anim,+ na yɛanya mmɔborɔhunu na yɛahunu adom a ɛbɛboa yɛn berɛ a ɛsɛ mu.+