2 Petro
1 Simon Petro, Yesu Kristo akoa+ ne ɔsomafoɔ,+ de kɔma wɔn a wɔanya gyidie a ɛsom bo sɛ yɛn deɛ no ara+ wɔ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo+ tenenee+ mu:
2 Adom ne asomdwoeɛ mfa Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nokorɛ nimdeɛ+ so nnɔɔso mma mo,+ 3 sɛdeɛ Onyankopɔn nam ne tumi so ama yɛn biribiara a ɛfa nkwa+ ne onyamesom pa+ ho kwa no, deɛ ɔnam animuonyam+ ne ɔbra pa so frɛɛ+ yɛn no ho nokorɛ nimdeɛ so. 4 Ɔnam yeinom so ama yɛn bɔhyɛ akɛseakɛseɛ a ɛsom bo+ kwa, na berɛ a moatumi adwane afiri wiase porɔeɛ+ a akɔnnɔ de ba ho no, moafa yeinom so anya Onyankopɔn+ su+ no bi.
5 Aane, ɛsiane yei nti, mo nso monyɛ deɛ mobɛtumi biara+ mfa ɔbra pa+ nka mo gyidie ho, na momfa nimdeɛ+ nka ɔbra pa ho; 6 momfa ahosodie nka mo nimdeɛ ho, momfa boasetɔ nka mo ahosodie+ ho, na momfa onyamesom pa+ nka mo boasetɔ ho; 7 momfa onuadɔ nka mo nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka mo nuadɔ ho.+ 8 Na sɛ yeinom nyinaa wɔ mo mu na ɛbu so a, ɛremma monyɛ mmerɛ anaa wɔn a wɔnso aba+ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nokorɛ nimdeɛ ho.
9 Na obiara a yeinom nni ne mu no, na n’ani afira, ɔmpɛ sɛ ɔhunu hann no,+ na ne werɛ afiri+ sɛ wɔahohoro ne ho+ afiri bɔne a wayɛ atwam no ho. 10 Yei nti, anuanom, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma frɛ a wɔafrɛ+ mo ne yi a wɔayi+ mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.+ 11 Nokwasɛm nie, ɛbɛma moanya hokwan kɛseɛ+ akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa+ ahennie no mu.+
12 Yei nti mede bɛyɛ me su sɛ mɛkae+ mo yeinom daa, ɛwom sɛ monim, na mogyina nokorɛ+ a ɛwɔ mo mu+ no mu pintinn deɛ. 13 Nanso mprɛ dodoɔ a mewɔ ntomadan+ yi mu deɛ, mehunu sɛ ɛtene sɛ mekaekae mo de kanyan mo,+ 14 na menim sɛ ɛrenkyɛ koraa na mapa me ntomadan yi agu baabi+ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso daa no adi kyerɛɛ me no.+ 15 Enti berɛ nyinaa mɛyɛ deɛ mɛtumi biara na sɛ mekɔ a,+ mo ara moatumi akae yeinom.
16 Ɛnyɛ atosɛm+ bi a wɔanwene no aniteɛ kwan so akyi na yɛdiiɛ berɛ a yɛkyerɛɛ mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne mmaeɛ no,+ na mmom yɛn ani kann na yɛde hunuu n’animuonyam.+ 17 Na ɔnyaa anidie ne animuonyam+ firii Agya Nyankopɔn hɔ berɛ a animuonyam kɛseɛ no kaa nsɛm te sɛ yei kyerɛɛ no no: “Oyi ne me ba a medɔ no na megye no tom.”+ 18 Yei ne nsɛm a yɛte+ firii ɔsoro berɛ a na yɛne no wɔ bepɔ kronkron no soɔ no.+
19 Enti wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm+ no mu den+ ama yɛn; na ɛyɛ sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu wɔ mo akomam kɔsi sɛ adeɛ bɛkye ama adekyeeɛ nsoromma+ apue. 20 Na deɛ ɛdi kan koraa no, monim sɛ Twerɛnsɛm mu nkɔmhyɛ biara nni hɔ a ɛfiri nnipa nkyerɛaseɛ mu.+ 21 Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmaa da,+ na mmom deɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ na nnipa kaeɛ+ sɛdeɛ honhom kronkron kaa wɔn no.+